Kwaku Al-Hassan Dadzie

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Onionyamfo
Kwaku Al-Hassan Dadzie
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Assin South
Bere
Ɔpɛpɔn 7, 1997 – Ɔpɛpɔn 6, 2001
ƆmanpanyinJohn Jerry Rawlings
Ne ho asɛm
Awo bere
Kwaku Al-Hassan Dadzie

Assin South, Central Region, Ghana
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaAmanyɔni

Kwaku Al-Hassan Dadzie yɛ Ghanani amanyɔnni wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmienu wɔ adehyeman a ɛtɔ so nan a na ɔyɛ anamsini ma Assin South mpasua no wɔ mfinfini mantam wɔ Ghana firi afe apem ahankron ne aduokron nsia de kɔsi afe mpem mmienu (1996-2000).[1][2]

Abrabɔ mfitiaseɛ[sesa]

Wɔwoo Dadzi wɔ Assin Southmfinfini mantamGhana.

Amanyɔsɛm[sesa]

Abatoɔ a ɛdikan a Dadzi de kɔɔ mmarahyɛbadwa mu yɛ Ɔpɛnimma bosom wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) Ghanaman nyinaa abatoɔ a na ogyina mu ma Kyinie Amanyɔkuo (National Democratic Congress) no ɛwɔ Assin South mpasua so a ɛwɔ mfinfini mantamGhana.[3] Ɔnyaa mma dunan, ahankron ne aduanan num (14,945) firii mma a ne dodoɔ yɛ aduonu nwɔtwe, ahanu ne aduokron mmienu (28,292) a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan mmiɛnsa akyiri pɔ du (43.10%) a na ɛkyɛn Ɔsono Amanyɔkuo (New Patriotic Party) no anamsini no deɛ a ɔnyaa mma dummienu, ahanan ne aduowɔtwe nwɔtwe (12,488) a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduasa nsia akyiri pɔ ohunu (36.00%), Emmanuel Koomson a na ɔyɛ anamsini de ma Convention People's Party no nyaa mma ahansia ne aduonu nkron (629) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu baako akyiri pɔ aduowɔtwe (1.80%) na Michael Damtse nso nyaa, mma ahanu ne aduasa (230) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ aduoson (0.70%).[4] Dominic K. Fobih a na ɔyɛ anamsini ma ɔsono amanyɔkuo (New Patriotic Party) no nyaa mma dunsia, ɔha ne aduanan (16,140) de firii mma dodoɔ a na ɛyɛ mpem aduonu nsia ahanson ne aduosia nan (26,764) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduosia akyiri pɔ aduasa (60.30%) na ɔde dii ne so nkonim.[5]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. FM, Peace. "Parliament – Assin South Constituency Election 2012 Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 11 October 2020.
  2. Ghanaian Parliamentary Elections(1993–1996)
  3. "Central Region". www.ghanareview.com. Retrieved 11 October 2020.
  4. FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results – Assin South Constituency". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 11 October 2020.
  5. FM, Peace. "Ghana Election 2000 Results – Assin South Constituency". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 11 October 2020.