Kwadwo Opare-Hammond

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Na Kwadwo Opare-HammondGhana ɔmanyɔni. Na ɔyɛ mmrahyɛbagua no muni a ogyina hɔ ma Adenta mantam a ɛwɔ Greater Accra Mantam mu wɔ mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan a ɛwɔ Ghana Republic a ɛtɔ so nnan no mu. Ná ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni .

Nwomasua[sesa]

Opare Hammond kɔɔ De Montfort Sukuupɔn mu.[1] Onyaa Mmara ho Ɔbenfo wɔ Amanaman Ntam Hokwan a Nnipa Wɔ Ho Mmara mu fii saa sukuupɔn no mu.[1]

Adwuma[sesa]

Efi hɔ no, na ɔyɛ Administrator ne Pastor wɔ n’adwuma mu.[2] Ɔsan nso bɛyɛɛ Precious Minerals Marketing Company (PMMC) no kwankyerɛfo panyin. Wɔpaw no sɛ MD wɔ adwumakuw a wɔtɔn aboɔden abo wɔ afe 2017.

Amammui mu adwuma[sesa]

Wɔ afe 2004 mu no, ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbagua no muni a odi kan maa Adenta Mantam no bere a wɔtew amansin no fii Ashaiman Mantam no mu akyi. Na Kwadwo Opare-Hammond yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni.[3] Ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbaguani fi January 2005 bere a ɔdaa ne ho adi sɛ nkonimdifo wɔ 2004 Ghana amansan abatow mu no . Na ɔyɛ Adenta mantam mu MP, na n’ahennie no baa awieeɛ wɔ Ɔpɛpɔn 2009 mu wɔ mmrahyɛbagua no gui akyi.[3] Wɔ afe 2014 mu no, wɔyii Opare-Hammond fii ne dibea sɛ Sikasɛm ne Adwumayɛ sohwɛfoɔ wɔ New Patriotic Party no mu wɔ soboɔ a wɔbɔɔ no sɛ sikasɛm mu mfata ne asoɔden a ɔde maa saa Ɔman Titenani, Paul Afoko a na ɔwɔ hɔ saa berɛ no akyi.

2004 Abatow a Wɔyɛe[sesa]

Wɔde abatoɔ 16,646 na ɛpaw no wei ne abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 44.7% yɛ pɛ.[4] Wɔpaw no sen Joseph Kabu Davies a ofi Ɔman Democratic Congress, Patrick Offei Addo a ofi Convention People's Party, Abdul-Manaf Yunus a ofi Democratic People's Party ne David Pessey a ofi National Reform Party . Eyinom nyaa abatow 17,020, abatow 704, abatow 644 ne abatow 225 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 46.6%, 1.9%, 1.8% ne 0.6% yɛ pɛ.[4] Na Opare-Hammond mantam no yɛ amansin 17 a New Patriotic Party dii nkonim wɔ Greater Accra mantam mu wɔ saa abatow no mu no fa. Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 128 wɔ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan no mu.

Ankorankoro asetra[sesa]

Ná Kwadwo Opare-Hammond yɛ Kristoni.[5]

Owuo[sesa]

Wɔbɔ amanneɛ sɛ Kwadwo Opare-Hammond wui wɔ 11 January 2019 wɔ Korle-Bu Teaching Hospital wɔ yareɛ tiawa bi akyi.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. The Office of Parliament. 2004.
  2. Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. The Office of Parliament. 2004.
  3. 3.0 3.1 Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. The Office of Parliament. 2004.
  4. 4.0 4.1 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections (PDF). Ghana: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 163.
  5. Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. The Office of Parliament. 2004.