Kwabena Owusu-Aduomi

Ɛfi Wikipedia
Onionyamfo
Kwabena Owusu Aduomi
Soafoɔ Abadiekyire
Mprenpren
Bere
Ɔbɛnim 2017
ƆmanpanyinNana Akuffo-Addo
Ne ho asɛm
Awo bere17 September 1960 (1960-09-17) (age 63)
Ghana
Ne manGhanani
AmanyɔkuoNew Patriotic Party

Kwabena Owusu Aduomi a wɔwoo no Ɔpɛpɔn bosome da ɛtɔ so du- nson wɔ afe apem ahenkron aduosia mu no yɛ Ghana amanyɔni a na ɔyɛ Ghana Mmarahyɛbadwani. Ɔyɛ New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuoni na na ɔyɛ ɔsoafo abadiakyiri a ɔhwɛ Akwan ne Akwan akɛse so wɔ Ghana.[1] [2] [3][4][5]

Ne Mmɔfra Ase[sesa]

Wɔwoo Aduomi wɔ Ɔpɛpɔn bosome da ɛtɔ so du- nson wɔ afe apem ahenkron aduosia mu wɔ Ejisu-Besease a ɛwɔ Asanti Mantam mu wɔ Ghana.

Ankorankoro Abrabɔ

Aduomi da ne ho adi sɛ ɔyɛ Kristoni a ɔsom wɔ 'Assemblies of God'Asɔre no mu. Ɔwareɛ na ɔwɔ mma mmienu .[6]

Nwomasua[sesa]

Ɔnyaa ne suahunu mu abodin krataa wɔ aban mfiridwuma mu wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma ( Kwame Nkrumah University of Science and Technology) so wɔ afe apem ahenkron aduowɔtwe -num mu.[6]

Adwuma[sesa]

Aduomi bɛyɛɛ nsiesie mfiridwumayɛfoɔ wɔ akwan akɛseɛ sohwɛfoɔ a ɛwɔ Tamale wɔ afe apem ahenkron aduowɔtwe -nson de kɔsi afe apem ahenkron aduokron - nnan (1987–1994) mu, afei ɔkɔɔ so yɛɛ nnwuma sohwɛfoɔ wɔ akwan akɛseɛ sohwɛfoɔ wɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ afe apem ahenkron aduokron - nnan de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne mmienu (1994–2002) mu. Ɔbɛyɛɛ ɔmantam kwankyerɛfoɔ a ɔhwɛ akwan akɛseɛ so wɔ Asanti mantam mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmienu de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe (2002–2008) mu. Afei ɔbɛyɛɛ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nsia no mu ni.[7]

Amammuo[sesa]

Wɔpaw no sɛ mmrahyɛbadwani ma Ejisu Mansini a ɛwɔ Asanti Mantam mu wɔ Ghana wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron mu (2009). Wɔpaw no sɛ ɔremɛka mmarahyɛ boayikuo a ɛka ho ne Mpɔtam Aban ne Nkuraase Nkɔso Boayikuo no ho.[7]