Kojo Tsikata

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Kojo Tsikata
Member of the PNDC
Bere
July 1985 – January 1993
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
Ne ho asɛm
Awo bere1936
Gold Coast
Owu bere20 November 2021 (aged 85 years)
Ghana
CitizenshipGhanaian
AmanyɔkuoNational Convention Party
RelativesTsatsu Tsikata
Sukuu a w'akɔAchimota School
N'adwumaSoldier
Military service
AllegianceGhana Armed Forces
Branch/serviceGhana Army
RankCaptain
UnitRecce Regiment

Kojo Tsikata yɛ kane ɔman ahobammɔkuo no kannifo ne Soafo a ɔhwɛ amanone nsem so wɔ Provisional National Defence Council (PND)[1][2][3][4], ɔyɛ obi wɔka ne ho asɛm sɛ ɔyɛ asraafo panyin a w’akɔ ahomegye mu.[4]

Ne ho nsɛm[sesa]

Wɔde Tsikaa kaa Major General Ankra ho kɔɔ Congo sɛ Ghana asrafo banbɔkuo bre Kwame Nkrumah hyɛɛ sɛ wɔnkɔ bɔ wɔn a wodi abirem fahododie anim no ne manpanyin Patrice Lumumba a na ɔko tia wɔn a wɔtaa abibirem. Akyiri, ɔkɔɔ nsrahwɛ wɔ Conakry a ɛwɔ Guinea ne Kwame Nkruma kodii nkitaho. Wɔkyere no too afiase bre a ɔsan n’akyi baa Ghana na wɔde no kaa nnaduafo a na ɛsɛ sɛ wokum wɔn no ho; kwadu a wɔde bɔɔ no ne sɛ otuu anamɔn sɛ anka obekum Nkrumah.[5]

Samora Machel a na ɔyɛ fahodie komafo no de ne ho gyee asɛm no mu maa wɔde ne bɔne kyɛɛ no. Samora de no tuu kwan kɔɔ Mozambique. Akyire wɔ afe 1964 mu no, ɔde n’ani kyerɛɛ Angola na ɔde ne ho kɔdɔɔm MPLA akofo no ne Amanaman akofo a wofriri Cuba.[5][6]

Wɔpaw no wɔ afe 1982 mu bre a Jerry Rawlings aban no hyɛɛ ase no[7]. ɔdaa ɔman ahobammo kuo no ano firi 1982 kosii ɔpepon da a ɛtɔ so 21, afe 1995 bere a ɔde ne ho kɔdɔɔm Rawlings amanmuo no[4]. Na ɔka kane Ghanaman fotufokuo no ho na afei, ɔyɛ kane asrafo panyin wɔ Ghana asrafokuo no mu. Wɔ afe 1995 mu no, wɔpaw no kaa anodiekuo a na Ibn Chambas a na ɔyɛ amanɔne soafo abediakyire, ne Brigadier General Agyemfra kaa ho, na wɔde Harry Mouzillas a na ɔyɛ nsɛm kyerɛwfo wɔ nsɛm kyerɛw adwumakuo a ede Ghana News Agency no kaa wɔn ho kɔe[8]. Wotuu kwan kɔkaa Owura James Victor Gbeho an na ɔyɛ Otitenani ma abibirem aman nkabom adwumakuo a w’ato din Economic Community of West African States (ECOWAS)  ne  Flt Lt Jerry Rawlings fie mu nipa baako na afei, Owuara Ate Allotey a na ɔyɛ ɔman ananmusifo no ho.[9]

Ɔpoo ɔman abasobɔdeɛ a w’ato din the order of Volta wɔ Manpanyin Kuffour  bre so. Wɔde no kaa nnipa nsia a wɔpaw wɔn wɔ NDC asoafo mu se wɔfata abasobɔ.[9]

Gaddifi paw no sɛ ɔfutufo kandifo kaa Al Mathaba agyinatukuo no ho, ekuo no botae ne sɛ wode mmoa ma wɔ fahodie nhyeheyɛ ho, na afei nso wɔboa wɔn wɔko tia nhyɛso aban ne wɔn a wɔko tia Zionist akuo no.[5]

Ntawantawa[sesa]

Asɛnnibea Kunini mu ɔtɛmmufo a w’akɔ ahomegye mu, G.E.K Aikins, hunahunaa Captain Tsikata sɛ ɔka wɔn wɔkyeree atmmufo miɛnsa ne ɔsrani bi w’akɔ ahomegye mu sie wɔ  June da ɛtɔ so 30, afe 1983 mu na akyire wokuum wɔn wɔ PNDC ammuo no bre so, nanso wanni n’asɛm[2]. Wɔn wosusu sɛ wodii saa nsɛmmɔne ne Captain Kojo Tsikata ne Sergeant Aloga Akata- pore; Wɔn mienu no nyinaa ka kane PNDC ammanmuo no. Ghanafo feefee ne nsɛm no mu na bre a wɔde no kogyina mpɛnsɛnpɛnsɛmu kuo a ɛne National Reconciliation Commission (NRC) anim no, ɔde too dwa sɛ ɛnyɛ nokware da sɛ ɔka wɔn a wokum attɛmmufo no ho bi[10][11]. Nsɛm a Ghanaman mmaranifo panyin de too dwa no nso kyerɛ sɛ, wonni nnyinasoɔ a wobetumi agyina so de kwaduu abɔ Captain Tsikata. Nea nti ɔkaa saa ne sɛ, bre a mmere soo sɛ wobekum nea na ɔyɛ odansefo no, osesaa n’ano kaa sɛ, Captain Tsikata nnim asɛm no hwee. Wɔde Joachim Amartey Quaye a na ɔka wɔn a wobɔɔ saa po bɔne too afiase, na wɔde asrafo a wɔbɔɔ wɔn kwaduu sɛ wodii awudie a wɔn Tekpor, Dzanddzu ne Helki kaa ne ho, na womaa asrafo too tuo kunkum wɔn akyire. Wɔn a wɔde wɔn too afiase no mu baako a wɔfrɛ no Amedaka nyaa kwan guanee a w’anhu de besi nne.

Abasobɔ[sesa]

Captain Tsikata nyaa abasobo ɔsombo paa a w’ato din Carlos Silver a ɛfa Angola akofo ho,denam mmoa a ɔde maa wɔn bre a na wɔrepere fahodie no.[6]

Tsikata kura abasobɔ a ɛde Solidarity Award and of the Order of "Carlos Manuel de Céspedes", a Cuba man mpanyinfoo fotofokuo no de maa no no.[12]

Nkekaho[sesa]

  1. https://www.africa-confidential.com/profile/id/4082/Kojo_Tsikata
  2. 2.0 2.1 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Kojo-Tsikata-can-be-tried-for-murder-16316
  3. https://www.independent.co.uk/news/correction-captain-kojo-tsikata-1201233.html
  4. 4.0 4.1 4.2 https://www.refworld.org/docid/3ae6aae944.html
  5. 5.0 5.1 5.2 https://nkrumaists.com/breaking-the-myth-around-captain-kojo-tsikata/
  6. 6.0 6.1 http://theinsightnewspaper.blogspot.com/
  7. https://commonwealthoralhistories.org/explandict/kojo-tsikata/
  8. http://www.sierra-leone.org/Archives/slnews0896.html
  9. 9.0 9.1 https://www.myjoyonline.com/
  10. https://www.amazon.com/CAPTAIN-TSIKATA-RUTHLESS-POLITICAL-STRATEGIST-ebook/dp/B0094ROBEG
  11. https://www.modernghana.com/news/888355/tsikata-attempted-to-access-bni-records.html
  12. Archive copy, archived from the original on 2021-08-02, retrieved 2021-08-02{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)