Tsatsu Tsikata

Ɛfi Wikipedia
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.
Tsatsu Tsikata

Tsatsu Tsikata (wɔ woo no October da a edikan, afe 1950) yɛ Ghanani nwomanimfo ne mmaranimfo. ɔyɛ kane kandifo ma adwumakuo a  ɛde Ghana National Petroleum Corporation. Wonim no sɛ ɔyɛ amanyokuo National Democratic Congress no mapanyinfo no mu baako ne amanyɔkuo no mmaranimfo kunini.[1][2]

Ne mmɔfrase ne Nhomasua[sesa]

Wɔ woo Tsikata wɔ Keta a ɛwɔ Frao Mantam no atɔe fam wɔ Ghana [3]. Nanso, wɔtetee no Adabraka, borɔn a ɛwɔ Nkran, a ɛyɛ Ghana kuropɔn . ɔhyɛɛ sukuu ase ntɛm esiane sɛ na ɔwɔ ɔpɛ sɛ obedi ne nua pinyin a ɔde Fui akyi akɔ sukuu. Odikan kɔɔ sukuu a ɛde Additrom Preparatory School ne Mrs Sam’s Preparatory school, a ɛyɛ sukuu a kane Ghana Manpanyin Jerry Rawlings nso kɔe. Ofirii hɔ kɔɔ sukuu a ɛde Accra Newtown Experimental School, na ɛhɔ na wɔma no bɔ traa mfie mienu kɔɔ mfie miɛnsa maa ɔne ne nua panyin Fui no kɔtenaa sukuu dan baako mu [4]. Onyaa nhomasua mu mmoa firii United Africa Company (UAC) Scholarship de kɔɔ ntoaso sukuu a ɛne Mfantsipim School, beae a ne papa ne ne nua panyin Fui Sokpoli Tsikata nso kɔe,  bre a na w’adi mfi nkrorɔn [4][5] . Bre a owiee mfie nnum adesua no, onyaa akwannya kɔɔ Suapɔn a ɛne University of Ghana, Legon, wɔ bre a na w’adi mfie dunsia no, na onyaa mmaranim abɔdin krataa a ɛde LL.B first class bre a na w’adi mfie dunwɔtwe. Saa bre no, na onipa foforo baako a w’adi mfie dunwɔtwe na w’atumi anya suapɔn abodin krataa. N’akyerɛkyerɛfo no mu bi ne ɔbenfo Ofosu Amaa ne Dr. Obed Asamoa, a ɔyɛ kane amanɔne suafo ne Ghana aban mmaranimfo no. ɔsan nso nyaa nhomasua mu mmoa  a ene Post-Graduate Scholarship firii suapɔn a ɛene University of Ghana hɔ kosua ade wɔ Suapɔn a ɛde Oxfod University, ma no nya abɔdin krataa a ɛfa temanmufo mmaranim, a ɛde Bachelor of Civil Law, saa abɔdin yi nsosuanso ne abɔdin a ɛde master’s degree a wonya firi suapon a ahorɔw a efeiri Bretain no yɛ pɛ.

Nnwuma[sesa]

Nhomasua[sesa]

Tsikata kuraa dibea a ɛfa nhwehwemu ho a w’ato din Junior Research Fellowship wɔ Suapɔn a ɛde Oxford University, beae a na ɔyɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no [6]. Ofirii ho baa Ghana wo fe 1974 mu no,  wɔpaw no sɛ ɔkyerɛkyerɛfo  wɔ Suapɔn a ɛne University of Ghana mmrasuabea. N’adesuafo no mu bi Kwamena Ahwoi, Alban Bagbin a ɔyɛ kane Ghana mmarahyɛ baguakuo dɔm kumaa no animdifo ne Ghana mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so nwɔtwe no kasamafo no, na afei Freddie Blay a ɔyɛ kane Ghana mmarahyɛ baguakuo no kasamafo abediakyire [4]

Mmaranimfo[sesa]

Tsikata gyinaa hɔ sɛ mmaranimfo twitwa gyee akukudam ahorɔw wɔ mfie pii a abetwam kɔ. Wɔn mu bi ne Captain Kojo Tsikata a ɔyɛ ne wɔfa ba, Kofi Awono ne kane Ghana manpanyin Jerry Rawlings. Wɔ National Redemption Council/Supreme Military Council a ɛyɛ asraafo aban a naAcheampong, da ano no, ogyninaa hɔ sɛ mmaranimfo twitwa gyee Samuel Okudjeto ne William Ofori Atta a na wɔde wɔn akogyina asɛnnibea denam amanyɔsɛm ho nti. Wɔ May 15 atuatew  a ɛkɔɔ so akyi no,ogyina hɔ sɛ mmaranimfo maa Jerry Rawlings bre a wɔde ɔmanbɔfo kwaduu bɔɔ no wɔ asɛnnibea no, asɛm no to twae bre wotuu SMC Asrafo aban a na Fred Akuffo da ano no gui wɔ June , afe 1979 no [6]. Na ɔyɛ amanyɔkuo National Democratic Congress mmaranimfokuo no kandifo wɔ abatoɔ ho mansotwe a ɛkɔɔ so wɔ Ghana. ɔyɛ mmaranimfokuo no kandifo wɔ abatoɔ ho mansotwe ɛyɛ nea edikan wɔ Ghana, a amanyɔkuo New Patriotic Party de kɔɔ asennibea wɔ afe 2012 mu, na wɔn asɛm ne sɛ wɔgye abatoɔ a ɛkɔɔ so no ho nsosuanso no ho akyinnye [7]. Amanyɔkuo National Democratic Congress de kɔtoo asɛnnibea no anim sɛ wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ka asɛm no ho na wɔde ano yie ma .

Ghana Fangoo Adwuma (GNPC)[sesa]

NDC amammuo a na Jerry Rawlings da ano no  paw Tsikata sɛ Okwankyerɛfo wɔ Ghana fangoo adwumakuobea a ɛne Ghana National Petroleum Corporation (GNPC), firi October afe 19988 kosi Decmebr , afe 2000 mu. dutafilm.org

Atemmuo, Afiase nna ne Fafiri[sesa]

Wɔbɔɔ Tsikata kwaadu sɛ w’abɔ ɔman Ghana ka GHC230, 000 bre a na ɔyɛ titenani ma adwumakuo a ɛne Ghana National Petroleum Corparation (GNPC) no, saa asɛm yi kɔɔ so wɔ asɛnnibea a ɛne Accra Fast Track Tribunal a ɛyɛ asɛnnibea ahorɔw a Kufour Aban no de sii hɔ sɛ ɛbɛhwɛ saa nsɛmnsɛm no mu baako. Asennie no hyɛɛ ase wɔ afe 2002 ma no kɔɔ so mfie nsia. Owura yere Henrietta Abban buu no fɔ wɔ Ayɛwɔhomumo da a ɛtɔ so 18, afe 2008 mu [8]. Mmere a wɔde dii n’asem no bɛyɛɛ nsɛnnaho a ɛne sɛ, n’asɛm no ne nea wɔde mmere pii dii wɔ Ghana abakɔsɛm mu. Manpanyin Koffour ne amanyɔkuo New Patriotic (NPP) akyitaafo no hu eyi sɛ ade a amanmusɛm anya nkoanim, na Tsikata ne  amanyɔkuo National Democratic Congress (NDC)  akyitaafo no nso huu no sɛ nea ɛkɔɔ  so so yɛ amanyosɛm [9]. Eyi maa Ekuo bi a ɛne Free Tsatsu yii ne ti adi. Bre amanyɔkuo New Patriotic Party (NPP) dii nkuguo wɔ afe 2008 Ghana abatoɔ no mu na aka nnafua baako ama Manpanyin John Kuffour de n’amanmmuo aba n’wie no, ɔmaa no bɔne fafiri. Saa bre no, na ɔda ayaresabea kunini a ɛne Korle Bu Teaching Hospital, na w’anya ntehyewa, na afiasehwɛfo no bɔ ne ho ban wɔ ayaresabea hɔ [10]. Tsatsu Tsikata poo saa fafari a manpanyin de maa no na ɔde too dwa wɔ adwabɔ bi ase sɛ, ɔnnye nni sɛ nea ɔmanpanyin no yɛe no fifiri n’akoma mu enti, ɔno ankasa bɛfa mmara kwan so ate ne din ho [11][12].

Agyinamu, Dwantoa ne Ahofadie[sesa]

Bre a ɔpoo fafiri a ɔmanpanyin de maa no akyi no, mmaranimfo Justice Edward Amoako Asante a ɔwɔ Accra-Fast Track high court no maa no agyinamu wɔ ɔpepɔn da a ɛtɔ so 13, afe 2009,  ne nnyinasoɔ ne sɛ, esiane sɛ ɔde dwantoa abɛda asɛnnibea sɛ wɔnhwehwɛ n’asɛm no mu bio nti, ɛho nhia se ɔbɛkɔ so ada afiase [13][14][15]. Saa bre no nyinaa na ɔda so da ayaresabea esiane ntehyewa yareɛ no. Mfie nwɔtwe akyi bre a wɔde soboɔ bɔɔ no sɛ w’abɔ ɔman no ka akyi no, Dwantoa asɛnnibea a na Justice Dennis Adjei da ano de too dwa sɛ, ɔkwan a wɔfaa so de no too afiase no nnyɛ nea ɛfa ne kwan mu, nti asɛnnibea no twaa mfie nnum a wɔde maa no sɛ ɔnkɔda afiase no mu,  na wɔtee ne din ho wɔ November da a ɛtɔ so 30, afe 2016 mu.[13][16][17][18]

N'asetena mu nsɛm[sesa]

Tsikata yɛ Kristoni a ɔyɛ asɔre panyin wɔ Asubury Dunwell Asore a ɛwɔ Nkran [6]. Wonim no sɛ obi a ɔwɔ ntehyewa na eyi ama nnwuma ahorɔw a anka obetumi ayɛ no aba fam, eyi kaa  bre a na ɔde ko sukuu wɔ ne mmɔfrase no. Bre a wɔbɔɔ no kwaadu a wɔde no too afiase wɔ afe 2008 mu no, onyaa ntehyewa yareɛ a emu yɛ den maa nti woyii no firi Nsawam nnaduafie de no kɔɔ ayaresabea . Na Tsikata yɛ obi a ɔpɛ agodie a w’ato din kriket no paa.

Abusua[sesa]

Tsikata ne ne nuanom yɛ nsɔn[19]. Na ne papa din de Godwin Kwaku-Sru Tsikata na ɔyɛ ɔkwankyerefo ma ntama tɔn adwumayɛkuo a ɛde United Africa Corporation, na ɔyɛ obi a w’akɔ ahomegyeɛ mu. ɔyɛ ɔwarefo a ne hokafo din de Esther Cobbah na, ɔne no woo mmɔfra miɛnsa [20]. Ghana nwom abasabɔ gyefo a ɔde M. manifest no yɛ ne mma no baako.[21][22][23][24]

Nkekaho[sesa]

  1. https://web.archive.org/web/20201218183048/https://thechronicle.com.gh/i-wish-i-had-creative-skills-to-do-music-like-my-son-tsatsu-tsikata/ https://en.wikipedia.org/wiki/Tsatsu_Tsikata#cite_note-:0-1
  2. https://en.wikipedia.org/wiki/Tsatsu_Tsikata#cite_note-:0-1
  3. https://web.archive.org/web/20090210135548/http://freetsatsu.com/PT.html
  4. 4.0 4.1 4.2 https://web.archive.org/web/20090210041157/http://freetsatsu.com/THREE.html
  5. https://web.archive.org/web/20110711035338/http://freetsatsu.com/letters%26articles/Unknown%20Author.pdf
  6. 6.0 6.1 6.2 https://web.archive.org/web/20090210135553/http://freetsatsu.com/TWO.html
  7. https://citifmonline.com/?id=1.1389767
  8. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/artikel.php?ID=145536
  9. https://web.archive.org/web/20110726052004/http://fesghana.org/pages/more/more_35/political_cafe.htm
  10. https://web.archive.org/web/20090107234952/http://news.myjoyonline.com/news/200901/24703.asp
  11. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/artikel.php?ID=156605
  12. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/artikel.php?ID=158258
  13. 13.0 13.1 https://www.modernghana.com/news/868680/tsikata-i-never-relied-on-kufuor-pardon-i-was.html
  14. https://www.myjoyonline.com/tsatsu-granted-bail/
  15. https://www.modernghana.com/news/198531/tsatsu-gets-bail.html
  16. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Tsatsu-is-innocent-Conviction-5-year-jail-term-quashed-491164
  17. https://citifmonline.com/2016/11/tsatsu-tsikata-not-guilty-of-causing-financial-loss-court-of-appeal/
  18. https://www.africanews.com/2016/12/02/ghana-court-rules-that-top-politician-was-unjustly-jailed-in-2008/
  19. https://www.africa-confidential.com/index.aspx?pageid=118&whoswhoid=1164
  20. https://web.archive.org/web/20110715060715/http://news.peacefmonline.com/features/200911/33047.php
  21. https://en.wikipedia.org/wiki/M.anifest
  22. Archive copy, archived from the original on 2020-12-18, retrieved 2021-02-11{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  23. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/entertainment/I-m-proud-of-M-anifest-Tsatsu-Tsikata-lauds-son-381216
  24. https://www.youtube.com/watch?v=q5c2VtW7ovg