Kojo Owusu Gyamadua Amoo-Gottfried

Ɛfi Wikipedia
Kojo Owusu Gyamadua Amoo-Gottfried
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
occupationambassador, diplomat Sesa

Kojo Owusu Gyamadua Amoo-Gottfried () yɛ Ghana ɔman nanmusifo a wakɔ pɛnhyen.[1][2]

Adwuma[sesa]

Kojo Gyamadua yɛ aban nanmusifo a odi kan (1983-1988) a wɔde no kɔɔ Cuba.[1][3]

Ɔyɛɛ adwuma sɛ Ghana Mmofra ne Mmabun Akwankyerɛ Nhyehyɛe a Fidel Castro Ruz ne Ɔmanpanyin Jerry John Rawlings boom bɔe no sohwɛfo. Nsrahwɛ a ɔkɔɔ sukuufo nkyɛn daa wɔ Accra no maa Ghanafo a wɔresua ade wɔ Cuba no buu no, na ɛmaa ɔde no sii hɔ sɛ obi a ɔda nsow wɔ Cuba Biakoyɛ Kuw no mu.

Nidi ne Abasobɔde[sesa]

Wɔ Ahinime 9 wɔ Accra no, Cuba aban no de Adamfofa Abasobɔde hyɛɛ Kojo Owusu Gyamadua Amoo-Gottfried anuonyam wɔ mmoa a ɔde mae na ɔbɔɔ Cuba ɔman anidan no ho ban pintinn no ho, sɛnea Prensa Latina bɔɔ amanneɛ no.[3]

Wɔ afe 2016 mu no, ɔnyaa "Black Star Excellence" Award firii Ghana Socialist Forum hɔ wɔ n'adwuma a ɛda nsow wɔ nkɔsoɔ akuo mu, titire no ne baakoyɛ a ɛtra hɔ daa ne Cuba. Mprempren, ɔhyɛ akwantu a wɔde kɔ Havana ho nkuran ma wɔn a na ɔne wɔn wɔ abusuabɔ wɔ adwumayɛ mu, a osuahu ahorow ne n’anigye a ɔwɔ ma Cuba no kanyan no.[1]

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Former Ghanaian ambassador to receive Cuban Friendship Medal - Prensa Latina (in American English), 2023-10-09, retrieved 2023-12-14
  2. modernghana.com (2000-09-22), Ghana-China Friendship Association inaugurated
  3. 3.0 3.1 Cuban Ambassador to Ghana meets with Kojo Amoo Gottfried (in English), 2023-09-11, retrieved 2023-12-14