Kojo Oppong-Nkrumah

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Kojo Oppong Nkrumah
Member of Parliament
for Ofoase-Ayirebi
Mprenpren
Bere
7 January 2017
Minister of Information
Mprenpren
Bere
2017
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
OdikanfoMustapha Abdul-Hamid
Ne ho asɛm
Awo bere
Kojo Vincent Oppong Nkrumah

5 April 1982 (1982-04-05) (age 42)[1][2]
Koforidua, Ghana
Ne manGhana Ghanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
NehokaniAkua Oppong Nkrumah
Mma3
Sukuu a w'akɔPope John Senior High School and Minor Seminary
University of Cape Coast
University of Ghana
GIMPA
N'adwumaPolitician, Lawyer, Farmer
Websitehttp://www.konkrumah.com/

Kojo Oppong Nkrumah ( wɔwoo no Oforisuo bosome da a ɛtɔ so nnum wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe mmienu, April 5 1982) yɛ Ghanani amanyɔni  ne mmaranimfoɔ.[3][4][5] Na ɔyɛ mmarahyɛ badwani a ɔgyina hɔ ma Ofoase-Ayirebi mpɛsoa wɔ Ghana mmarahyɛbadwam.[6][7][8]

Abrabɔ mfitiaseɛ[sesa]

Wɔwoo Kojo Oppong Nkrumah, Oforisuo bosome da a ɛtɔ so nnum wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe mmienu (April 5 1982) wɔ Koforidua a ɛwɔ apueeɛ mantam wɔ Ghana. N'awofo ne Kwame Oppong Nkrumah ne Felicia Oppong Nkrumah. Na ne maame yɛ ɔkyerɛkyerɛni. Na ne papa nso kyerɛ ade nanso, akyiri ɔgyae ade kyerɛ kɔyɛɛ adwuma wɔ sika korabea. Ɛwom sɛ wɔwoo Nkrumah wɔ Koforidua de nanso Nkrumah firi Akyim Anyinase.[8]

Nwomasua[sesa]

Nkrumah hyɛɛ ne sukuu ase wɔ St. Bernadette Sukuu a ɛwɔ Dansoman na ɔtoaa so kɔɔ ntoaso sukuu wɔ Pope John Senior High School a ɛwɔ Koforidua. Kojo toa n'adesua no so kɔɔ sukuupɔn wɔ Cape Suapɔn no mu ma no gyee abodin krataa.

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) mu no, Kojo wiee Suapɔn a ɛwɔ Nkran mantan mu; University of Ghana ma no nyaa abodin krataa wɔ dwadie ho nsɛm mu.

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnan (2014) mu no,  Kojo san nyaa abodin krataa a ɛfa mmaranim ho, a ɛyɛ (LLB) fi suapɔn a ne din Gimpa hɔ. Mfeɛ mmienu na ɔde suaa adeɛ de gyee saa abɔdin krataa no.[8]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) mu, asemdibea kunini a ɛwɔ ɔman Ghana mu de abodin krataa maa Kojo se Ghana mmaranimfoɔ.

Ansa na ɔrebɛkɔ akɔyɛ mmaranimfoɔ no, na wayɛ ne ho adwuma na watumi adi nkunim wɔ Afrika akanni nhyehyɛeɛ no mu. Saa osuahu yi maa ne nimdeɛ ne n'ani so yɛɛ den, na ɛsan nso maa n'abrabɔ ne n'adwuma mu nkɔsoɔ yɛɛ kɛseɛ.[9][10]

Adwumayɛ[sesa]

Nkrumah hyɛɛ n’adwumayɛ ase wɔ adwumakuo bi a ne din de British American Tobaco wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia (2006) mu. Na saa adwumakuo yɛ tawa ho nnwuma. Ɔfirii hɔ kɔɔ Joy Fm, kɔyɛɛ adwuma sɛ sɛntwerɛfoɔ. Akyiri wɔfaa no sɛ ɔtitenani ma wɔn anɔpa dwumadie, berɛ a nea na  ɔdi saa dwumdie  a ne din de Komla Dumor firi hɔ. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnan (2014) mu no, Nkrumah de ne dwumadie sɛ sɛmkyerɛfoɔ no too hɔ na obue ɔno ankasa n'adwumakuo a wɔfrɛ no West Brown Stone Capital.[11] Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia (2016) mu no, ɔhyɛ aseɛ yɛɛ adwuma sɛ mmaranimfoɔ wɔ mmarahyɛ adwumakuo a wɔfrɛ no Kulendi, Attefuah and Amponsah.[8]

Wiase Sikasɛm Nhyiamu no paw no sɛ wiase mmeranteɛ ɔha ne du-num (115) a wɔyɛ wiase nyinaa akannifoɔ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu (2020) mu no mu baako.

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nnum (2015) mu no, Kojo Oppong Nkruma kɔgyinaeɛ wɔ New Patriotic Party(NPP) din mu sɛ wɔnto ne so aba, na watumi abɛyɛ mmarahyɛ bɛdwani a ɔgyina hɔ ma Ofoase-Ayirebi abatoɔ mpɛsoa so wɔ Ghana ma NPP amanyɔkuo no.[12][13]

Ɔdii nkunim wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia (2016) Ghana Mpɛsoa abatoɔ mu sɛ mmarahyɛ badwani ma Ofoase-Ayirebi mpɛsoa wɔ Ghana mmarahyɛbadwam.[14] Sesei, ɔresom sɛ ɔsoafo a ɔhwɛ amaniebɔ so wo Ghana.[15][16][17][18][19][20] Ɔsan yɛ kasamafo ma aban no wɔ sikasem ho amaneɛbɔ ho.[21]

Ɔmanpanin Nana Akufo-Addo paa Kojo Nkrumah sɛ amaniebɔ soafo berɛ a ɔdii nkunim wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu (2020) abatoɔ mu no.[22]

Na ɔka wɔn a Ɔmanpanin paw wɔn no sɛ asoafoɔ, a Mavis Hawa Koomson ne Ɔsofoɔ a Ɛhwɛ Aduane ne Kuayɛ so, Dr Owusu Afriyie Akoto a wɔpaw no sɛ ɔsoafoɔ no, na mmarahyɛbadwa mu kuo kumaa no annye no anto mu.[23]

Nanso, wɔpenee no so wɔ mmarahyɛbadwafie no mu, berɛ a wɔdwennwenee nsɛm pii a Appointments Committee no de too dwa akyi no.[24]

Wɔ Ɔsanaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mmiɛnsa mu (August 2023), Kojo Oppong Nkrumah, a ɔyɛ Amanneɛbɔ Soafoɔ no, hyɛɛ CSOs ne dawurobɔ nnwuma sɛ wɔmmɔ mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛfa kwan bi so adi nsɛmnsɛm a ɛrekɔ so wɔ Niger no ho dwuma.[25]]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Kojo ne Akua aware, na wɔn baanu nyinaa yɛ Kristofoɔ anokwafoɔ. Wɔwɔ mma mmiɛnsa, Kwaku, Afua ne Kofi.[8][26]

Nkrumah yɛ Kristoni.

Adɔeɛ[sesa]

Oppong Nkrumah Education and Skills Development Fund no yɛ biribi a Ofoase Ayirebi MP ne Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Amanneɛbɔ so, Kojo Oppong Nkrumah, de sii hɔ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nson (2017) mu sɛ wɔde bɛboa mmabunu a wɔwɔ mpɛsoa no mu ama wɔanya nteteeɛ ne nimdeɛ. Ɛfiri mfeɛ mpem mmienu ne du-nson (2017) kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mmienu (2022) no, sika yi ama sukuufoɔ bɛboro aha-mmiɛnsa (300) a wɔwɔ sukuu ahodoɔ a ɛwɔ ɔman no mu no sika.[27]

Mmeaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. "Kojo Oppong Nkrumah : A Young Achiever". ModernGhana. Retrieved 31 March 2015.
  2. "Kojo Oppong-Nkrumah". Aspen Institute. Archived from the original on 2 April 2015. Retrieved 31 March 2015.
  3. Ministry Of Information Ghana (in American English), retrieved 2023-10-02
  4. RTI Commission unveils 5-year strategic plan (in American English), retrieved 2023-10-02
  5. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-02
  6. Kojo Oppong Nkrumah, Emmanuel Orkoh, Augustine Mensah Owusu (2018-02-15), "EXPLORING THE BUDGET DEFICIT-ECONOMIC GROWTH NEXUS: NEW EVIDENCE FROM GHANA", Journal for the Advancement of Developing Economies, doi:10.13014/k2nz85vx, retrieved 2023-10-02{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  7. MPs (in American English), retrieved 2023-10-02
  8. 8.0 8.1 8.2 8.3 8.4 e annan (2018-08-14), Meet Kojo Oppong Nkrumah, Ghana’s affable new Information Minister (in English), retrieved 2023-10-02
  9. Kojo Oppong Nkrumah Biography, Age , Education , Networth, NPP, Minister for Information » GhLinks.com.gh™ (in American English), 2020-10-03, retrieved 2023-10-08
  10. Kojo Oppong-Nkrumah - User Profile (in English), retrieved 2023-10-08
  11. Kojo Oppong Nkrumah, Emmanuel Orkoh, Augustine Mensah Owusu (2018-02-15), "EXPLORING THE BUDGET DEFICIT-ECONOMIC GROWTH NEXUS: NEW EVIDENCE FROM GHANA", Journal for the Advancement of Developing Economies, doi:10.13014/k2nz85vx, retrieved 2023-10-08{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  12. Kojo Oppong Nkrumah, Emmanuel Orkoh, Augustine Mensah Owusu (2018-02-15), "EXPLORING THE BUDGET DEFICIT-ECONOMIC GROWTH NEXUS: NEW EVIDENCE FROM GHANA", Journal for the Advancement of Developing Economies, doi:10.13014/k2nz85vx, retrieved 2023-10-09{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  13. Kojo Oppong-Nkrumah, Biography, retrieved 2023-10-09
  14. Zanetor, Oppong Nkrumah win (in English), 2016-12-08, retrieved 2023-10-09
  15. New Ministers Vetting October 26 - Daily Guide Africa, 2018-10-12, archived from the original on 2018-10-12, retrieved 2023-10-09{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  16. Lidia Marte (2018-05-04), "What is America? Graphic Impressions", Anthropology Now, vol. 10, no. 2, pp. 99–101, doi:10.1080/19428200.2018.1494899, ISSN 1942-8200, retrieved 2023-10-09
  17. Kojo Oppong Nkrumah, Emmanuel Orkoh, Augustine Mensah Owusu (2018-02-15), "EXPLORING THE BUDGET DEFICIT-ECONOMIC GROWTH NEXUS: NEW EVIDENCE FROM GHANA", Journal for the Advancement of Developing Economies, doi:10.13014/k2nz85vx, retrieved 2023-10-09{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  18. MyJoyOnline.com - Myjoyonline (Ghana News) Ghana's most comprehensive website. Independent, Fearless and Credible journalism (in American English), retrieved 2023-10-09
  19. Patrick Weller (2018-05-24), "Prime Ministers, Party, and Parliament", Oxford Scholarship Online, doi:10.1093/oso/9780199646203.003.0007, retrieved 2023-10-09
  20. Statistics show successes chalked in Ghana’s COVID-19 fight – Oppong Nkrumah (in American English), 2020-07-19, retrieved 2023-10-09
  21. Peace FM Online, First Reshuffle?: Otiko Out, Oppong Nkrumah For Information Ministry, retrieved 2023-10-09
  22. Akufo-Addo presents first list of ministers for his second term to parliament - MyJoyOnline.com (in American English), 2021-01-21, retrieved 2023-10-09
  23. Minority MPs on Appointments Committee outrightly reject 3 nominees including Afriyie Akoto and Hawa Koomson - MyJoyOnline.com (in American English), 2021-03-01, retrieved 2023-10-09
  24. Parliament approves Hawa Koomson, Oppong Nkrumah, 11 other ministerial nominees (in American English), 2021-03-04, retrieved 2023-10-09
  25. MSN, retrieved 2023-10-09
  26. Jeffrey Owusu-Mensah (2018-10-27), Beautiful photos of Kojo Oppong Nkrumah's wife pop up (in English), retrieved 2023-10-09
  27. Home | Kojo Oppong Nkrumah, retrieved 2023-10-09