Kofi Krah Mensah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Kofi Krah Mensah yɛ Ghana amanyɔni na ɔsan yɛ aguadini. Ɔyɛɛ mmrahyɛbaguani maa Amansie West amansin a ɛwɔ Ashanti Mantam mu no .[1]

Ankorankoro asetra[sesa]

Wɔwoo Mensah wɔ Ɔpɛpɔn 2, 1942. Ɔwɔ Master in Law abodin krataa wɔ Ghana School of Law . Ɔsan nso yɛ Leeds Sukuupɔn mu ade a ɔnyaa Master of Arts abodin krataa wɔ Sikasɛm mu Nkɔsoɔ mu wɔ UK.[2]

Wɔakyerɛw Mensah din wɔ Ghana Parliamentary Register mu sɛ ɔyɛ aguadifo ne Kristoni.[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Na Mensah yɛ Ghana Ɔmanpanyin a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan no muni . Ɔdii nkonim wɔ Amansie West mantam no mu wɔ afe 2004 Ghana mmrahyɛbagua abatoɔ mu.[4] Na ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 36 no fa wɔ nkongua 39 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu. Wɔpaw Mensah a na abatow a ɛfata nyinaa mu 84.2%.[4]

Ansa na afe 2008 abatoɔ no reba no, Mesah dii nkoguo wɔ primary a wɔde maa New Patriotic Party no mu wɔ Grace Addo anim .

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 373.
  2. Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 373.
  3. Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 373.
  4. 4.0 4.1 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 119.