Grace Addo

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Grace Addo
Member of the Ghana Parliament
for Manso-Nkwanta
Bere
7 January 2013 – 6 January 2017
Ne ho asɛm
Awo bereDecember 24, 1960 (1960-12-24) (age 63)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔUniversity of Education, Winneba

Grace Addo (wɔ woo no December da a ɛtɔ 24, afe 1960) yɛ kane Ghanani amanyɔni. Na ɔyɛ mmarahyɛ baguani wɔ mmarahyɛ bagua a ɛtɔ nsia no mu wɔ Ghan adehyeman a ɛtɔ nnan no mu.  Na ɔye mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Manso-Nkwanta mpesoa so na ɔyɛ amanyɔkuo New Patriotic Party no mu ni.

Ne mmɔfrase ne nhomasua[sesa]

Wɔ woo Addo wɔ dcember da ɛtɔ so 24, afe 1960 mu wɔ Asarekrom a ɛwɔ Asante Mantam mu. Okura nkontabuo abɔdin krataa firi suapɔn a ɛne University of Education, Winneba.

Nnwuma[sesa]

Ansa na ɔbɛyɛ Ghana mmarahyɛ bagua no mu no wɔ afe 2012 mu no, na ɔyɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Ejuraman Anglican School.

Amanyɔsɛm[sesa]

Addo yɛ kane mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Manso-Nkwanta abatoɔ mpɛsoa so wɔ amanyɔkuo New Partriotic Part din mu. Wɔ afe 2012 mu no, ogyinaa ma wɔtoo ne so aba ma no dii nkunim. Onyaa mma no mu 29, 500 a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 77.03% ma no dii nkunim wɔ aforo a ɔne wɔn sii akan no, wɔn de ne Alex Kwame Bonsu, Seth Amakye ne Rita Fosua. Wɔ afe 2016 mu no, odii nkuguo wɔ amanyɔkuo New Partriotic Party mmarahyɛ bagua abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu, eyi nti w’antumi angyina wɔ 2016 ɔman abatoɔ no mu.

N'asetena mu nsɛm[sesa]

Addo ye Kristoni. Ɔyɛ ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra miɛnsa.

Nkekaho[sesa]