Kitase Akuapim

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kitase Akuapim yɛ kuro bi a ɛwɔ Akuapim anaafoɔ mansini adantam a ɛwɔ Ghana anaafoɔ apueɛ mantam.[1] Ɛne Peduase a ɛyɛ baabi a wɔfa de firi Nkran kɔ Akuapem bɔ hyeɛ.[2]

Afahyɛ[sesa]

Nnipa a ɛwɔ kitase di Odwira afahyɛ na saa fa yi mpɛn pii no wɔhyɛ no ɛbɔ anaa ahinime bosome no mu. Odwira yɛ Ghana afahyɛ baako a nnipa pii firi akyirikyiri ne bɛntɛe ne aburokyire bɛdi saa fa no bi.[3] Wɔ mfeɛ bebree a atwam no, Odwira afahyɛ abɛyɛ afahyɛ a ɛdi mu wɔ Ghana, nkorɔfoɔ de ahokeka kɔ hɔ, ɛda amammerɛ bebree adi, ɛtwe nnipa firi baeɛ bebree a wɔde anigyeɛ, nkunim ne nkabom di afahyɛ no. Ansa na Odwira rebɛka Ghana amammerɛ ho no, na nnipa a ɛwɔ Akropong, Amanokrom ne Aburi a ɛwɔ apueɛ mantam na ɛdi saa afahyɛ no.

Beaɛ a menya mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Akuapem Communtiy Foundation (Akuapem CF)". akuapemcf.org. Retrieved 2021-06-28.
  2. GHA to replace Ayi Mensah single tollbooth with 3". Ghanaian Times. 2021-04-20. Retrieved 2021-06-28
  3. "Support Akuapem South Assembly — Aburihene". Graphic Online. Retrieved 2021-06-28.