Kenkey

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Kenkey
Woman preparing Fante kenkey (boiled maize dough)

Dɔkono(About this soundpronounciation of "Kenkey" ) yɛ aduane a yɛde aburoo a yɛatutu agu nsuo mu ama no adi bɛyɛ nnanu, ansa na wɔayam ayɛ no mmɔre.[1] Wɔde mmɔre no si hɔ bɛyɛ nna kakra, afei, wɔkyɛ mu mmienu noa ne fa bi de fa nso si hɔ. Sɛ wɔnoa wie a, wɔde deɛ wɔanoa no fra deɛ wɔnnoaeɛ no.

Ahodoɔ[sesa]

Mmeaeɛ ahodoɔ a wɔdi dɔkono wɔ Ghana, Côte d'Ivoire apuiɛ fam, Togo, Benin atɔeɛ fam, Guyana, ne Jamaica. Mpɛn pii no, wɔde aburoo a wɔayan te sɛ sadza ne ugali. Edin a wɔde nim aduane yi pa ara ne kɔmi (wɔtaa ka no kormi) Nkran mantam mu, ɛnna Akanfoɔ nso frɛ no dɔkono wɔ Ghana. Jamaicafoɔ nso frɛ no dokunoo, dokono, dokunu, blue drawers, ne tie-a-leaf. Wokɔ Mexico nso a, wowɔ baako bi a wɔfrɛ no "Tamale". Ghana nso, mmeaeɛ ahodoɔ a wobɛhunu dɔkono yi bi ne kuro bi a wɔfrɛ no Tamale wɔ ɔman Ghana atifi fam. Guyana nso, wɔfrɛ no konkee.[2] Sɛ wokɔ Trinidad a, wɔfrɛ no "paime" (wɔka no sɛ pay-me) na wɔn deɛ no deɛ, ɛyɛ sononko ɛfiri sɛ, wɔmfa borɔdeɛ nyɛ, na mmom wɔtumi de eferɛ ne kube yɛ. Cuisine of the Caribbean (kyerɛ sɛ faako a Caribbeanfoɔ yɛ wɔn aduane) no deɛ, wɔde aburoo mmɔre, borɔdeɛ, kwadubunu, aborɔdwomaa, (Asantefoɔ ne Jamaicafoɔ deɛ a ɛfiri Asanteman mu no) anaasɛ bankye a wɔde kwadu nwura akyekyere ho. Wɔnyaa saa aduane yi firii ɔkwan a na tete Abibiremfoɔ fa so noa wɔn nnuane no mu.[3][4]

Fante kenkey

Ɛsiane sɛ, sɛnea wɔyɛ dɔkono no nte sɛ sɛnea wɔyɛ ugali nti, dɔkono no deɛ, wɔgyae mmɔre no si hɔ kakra ma no keka ansa na wɔanoa. Yei nti, ɛdi nna kakra ansa na wɔafiri aseɛ anoa dɔkono no, ɛfiri sɛ wɔgyaa si hɔ nna kakra ma no keka. Wɔde aburoo siam fra aburoo mmɔre de nsuo gu kafra saa ara kɔpem sɛ ne nyinaa bɛtumi afra yie a aba biara nni mu. Afei, wɔkata so si baabi a ɛhɔ yɛ hye kakra kɔpem sɛ ɛmu bɛkeka koraa.[5] Sɛ mmɔre no keka wie a, wɔde dokono no si gya so kakra tete gu kwadu nwura, aburoo hono, wrɔba mu, na afei wɔde asi gya so de nsuo kakraa bi agu ho akata so. [6] Yɛwɔ dɔkono ahodoɔ bebree a ebi ne Fante ne Nkran dɔkono. Dɔkono a wɔnim no wɔ Ghana mmeaeɛ dodoɔ no ara ne Nkran dɔkono no.

Dɔkono a wɔahono yɛ aduane a ɛmu yɛ hare a wɔde dɔkono ne nsuo, asikyire, meleke ne nsuonwunu.[7]

Wobɛtumi no ahwɛ[sesa]

  • Beaeɛ a Ghanafoɔ yɛ wɔn nnuane
  • Beaeɛ a Jamaicafoɔ yɛ wɔn nnuane
  • Abibirem nnuane ahodoɔ
  • Nnuane ahodoɔ a wɔde mmɛre yɔ
  • Tamale
  • Dɔkono a yɛahono

Faako a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

 

  1. https://doi.org/10.1016/j.foodcont.2015.02.043
  2. https://www.196flavors.com/ghana-kenkey/
  3. https://touringghana.com/
  4. https://books.google.com/books?id=BIBjAAAAMAAJ&q=Dokunoo&dq=Dokunoo&hl=en&sa=X&ei=KWQEUrr_JarIigLDzIGQDw&redir_esc=y
  5. "Ghana: Kenkey". 196 flavors. 2019-06-21. Retrieved 2020-06-04.
  6. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/food/kenkey.html
  7. Atter, Amy; Ofori, Hayford; Anyebuno, George Anabila; Amoo-Gyasi, Michael; Amoa-Awua, Wisdom Kofi (2015). "Safety of a street vended traditional maize beverage, ice-kenkey, in Ghana". Food Control. 55: 200–205. doi:10.1016/j.foodcont.2015.02.043.