Josiah Ofori Boateng

Ɛfi Wikipedia

Josiah Ofori Boateng yɛ ɔtemmuafoɔ a w’akɔ n’ahomegyeɛ mu wɔ Ghana kɔɔto baatan no mu ɛw a ɔdwamtenani dadaa ma asɔeɛ a ɔhwɛ abatoɔ ho nsɛm soɔ wɔ ɔman Ghana mu. Ɔdii ne dwuma wɔ Ghana kɔɔto baatan adwa no so firii afe apem ahankono aduɔkono nkono(1999) de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne baako(2001) ɛna ɔyɛɛ ɔdwamtenani maa asɔeɛ a ɔhwɛ abatoɔ ho nsɛm soɔ wɔ ɔman Ghana mu firii afe apem ahankono aduɔnwɔtwe nkono(1989) di kɔsi afe apem ahankono aduɔkono mmienu(1992)[1]

Na Ofori Boateng yɛ kuo ba wɔ Ghana Bar Association, otitenani wɔ International Bar Association, ɔdwamtenani ma Council for Law Reporting ne kuo ba ma International Juridical Organization.[2]

ABRABƆ AHYASEƐ NE NWOMASUA[sesa]

Ofori Boateng nyinii wɔ Aburi a ɛwɔ Apueɛ mantam mu wɔ Ghana[3]. Baasele sɔfoɔ bi a ɔwɔ kanee Gold Coast no mu na ɔwoo no wɔ afe apem ahankono aduasa ahyaseɛ no mu no(1930s). Ɔnyaa ne ntoaso sukuu wɔ Achimota school ne ne suapɔn wɔ University College of the Gold Coast (sesei University of Ghana)[3], ne University College of London a ɛhɔ na ɔnyaa ne Bachelor of Law(llb) abodin[4]. Ɔnyaa nteteɛ wɔ Lincoln’s Inn ɛna ɔde frɛɛ no kɔɔ English bar wɔ afe apem ahankono aduosia mmiɛnsa (1963)[4]. Akyire yi ɔfrɛɛ no kɔɔ Ghanaian bar wɔ afe apem ahankono aduosia nnum (1965)[5]

ADWUMA[sesa]

Ofori Boateng hyɛɛ aseɛ sɛ aban nanmusini a ɔhwɛ awudie ho nsɛm soɔ, mmranimni ne okyigyinafoɔ[4], ne mansini temmuafoɔ de kɔsi sɛ ɔtoo nsa frɛɛ no sɛ twerɛtwerɛfoɔ abedeɛkyire a ɔhwɛ mmra ho nsɛm soɔ wɔ afe apem ahankono aduosia nkono (1969)[6]. Firi afe apem ahankono aduɔson mmiɛnsa(1973) de kɔsi afe apem ahankono aduɔson nsia(1976) no mu no na ɔyɛ otitenani ma Ghana Law Reform Commission [6]. Wɔ afe apem ahankono aduɔson nsia(1976) no, ɔbɛyɛɛ mmra mu futufoɔ panin wɔ mpɔtɛm haw ho ma amansan nkabomu kuo United Nations, ɔyɛɛ adwuma wɔ beaɛ yi de kɔsi afe apem ahankono aduɔnwɔtwe baako(1981)[6]. Ɔsan n’akyi baa Ghana berɛ a w’asom wɔ amansan nkabomu United Nations na ɔbɛgyee adwuma sɛ Ɔkwantwerɛfoɔ panin ma mmranim adesua (panin wɔ Ghana School of Law)[7]. Ɔyii no sɛ Appeal kɔɔto temmuafoɔ wɔ afe apem ahankono ne aduonwɔtwe nkono(1989)[7] ɛna ɛwɔ afe apem ahankono ne aduɔkono mmienu(1992) mu no ɔyii no sɛ ɔtitenani ma asoeɛ a ɔhwɛ abatoɔ ho nsɛm soɔ wɔ Ghana a na Kwadwo Afari-Gyan yɛ no abedeɛkyire[8]. Sɛ ɔtitenani ma asoeɛ no, ɔhwɛɛ Ghana afe apem ahankono aduɔkono mmienu(1992) Amanpanin abatoɔ no mu de ho nsunsuansoɔ too dwa[9]. Ɔyɛɛ otitenani de maa asoeɛ no de kɔsi afe apem ahankono aduɔkono mmiɛnsa(1993) berɛ a ɔfrii Appeal kɔɔto adwa no soɔ no. Wɔ afe apem ahankono aduɔkono nkono(1999) mu no, ɔpaw no sɛ ɔnkɔ ka ɔtemmuafoɔ John Debra Sapong ho wɔ kɔɔto baatan no mu. Ɔtotoo n’ano gyee no too mu wɔ mmrahyɛbadwam Ɔbɛnem bosome da a ɛtɔ so aduasa wɔ afe apem ahankono aduɔkono nkono(30 March 1999)[10]. Ɔne otemmuafoɔ Sapong na ɔsoɛɛ wɔn bɔɔ mu sɛ kɔɔto baatan no mu atemmuafoɔ wɔ Oforisuo bosome da a ɛtɔ so dunum afe apem ahankono aduɔkono nkono(15 April 1999)[11]. Ɔyɛɛ adwuma sɛ otemmuafoɔ wɔ kɔɔto baatan no mu de kɔsi berɛ a ɔkɔɔ n’ahomegyeɛ mu wɔ Ɔpɛpon bosome da ɛtɔ so nnan mfeɛ mpem mmienu ne baako(4 January 2001)[12]. Ofori Boateng twerɛɛ amammra ne mpɔtɛm nsɛm ho nwoma bebree[7]. Na ɔsan nso yɛ nwomanimni a ɔtaa kɔ Harvard Law School mu nsrahwɛ ne mpɔtɛm adesuabea a ɛwɔ Washington[7].

BAABIA MENYAA MMOA FIRIIƐ[sesa]

https://books.google.com/books?id=zw3MDwAAQBAJ&q=Josiah+Ofori+Boateng&pg=https://books.google.com/books?id=igQOAQAAMAAJ&q=Juridicial+classical

  1. Joseph R. a Ayee (2019-10-16), Politics, Governance, and Development in Ghana (in English), Rowman & Littlefield, ISBN 978-1-7936-0335-7, retrieved 2023-03-31
  2. https://books.google.com/books?id=igQOAQAAMAAJ&q=Juridicial+classical
  3. 3.0 3.1 https://books.google.com/books?id=igQOAQAAMAAJ&q=third+son+Presbyterian
  4. 4.0 4.1 4.2 https://books.google.com/books?id=igQOAQAAMAAJ&q=ofori+boateng+third+son+of+a+Presbyterian
  5. https://books.google.com/books?id=cQFQAQAAMAAJ&q=Josiah+Ofori+Boateng+supreme+court
  6. 6.0 6.1 6.2 https://books.google.com/books?id=igQOAQAAMAAJ&q=Magistrate+reform
  7. 7.0 7.1 7.2 7.3 https://books.google.com/books?id=igQOAQAAMAAJ&q=Director+appeal+washington
  8. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/afari-gyan-bids-goodbye-to-staff-at-ec.html
  9. https://books.google.com/books?id=svrkwyVnYxcC&q=Josiah+Ofori+Boateng&pg=PA1
  10. https://mobile.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Parliament-approves-Supreme-Court-Judges-6056
  11. https://books.google.com.gh/books?id=-6k-AQAAIAAJ&q=ofori+boateng&redir_esc=y
  12. https://books.google.com/books?id=7_ZQAQAAMAAJ&q=ofori+boateng