Joseph Quao Cleland

Ɛfi Wikipedia
Joseph Quao Cleland
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationdiplomat Sesa

Joseph Quao ClelandGhana ɔman nanmusifo a wakɔ pɛnhyen.[1][2][3][4]

Nhomasua[sesa]

Ɔkɔɔ Sukuupɔn Kɔlege wɔ Ghana firi afe 1956 kɔsi afe 1959, na ɔnyaa Bachelor of Science wɔ Sikasɛm mu. Ɔyɛɛ Master of Arts wɔ Amanyɔsɛm mu wɔ Columbia Sukuupɔn mu wɔ New York wɔ 1970. Onim Ga, Borɔfo, ne Franse kasa ka.[1]

Adwuma[sesa]

Na ɔyɛ Amanaman Nkabom Boayikuo a ɛhwɛ ntoboa so no muni na ɔyɛɛ Ɔkwankyerɛfoɔ wɔ Sikasɛm mu Nkitahodiɛ Dwumadibea wɔ Amannɔne Nsɛm Ho Dwumadibea a ɛwɔ Accra, Ghana. Efi afe 1972 kosi afe 1974 no, odii dwuma sɛ Ɔsomfo Fotufo ne Ghana Daa Ananmusifo Abadiakyiri wɔ New York, faako a ɔyɛɛ UNWRA Boayikuw ne Boayikuw a Ɛto so Anum no guamtrani wɔ 1972 Amanaman Nkabom Bagua Kɛse no mu.

Ne dwumadie no bi ne Ɔmanpanyin Abadiakyiri wɔ New York firi 1970 kɔsi 1972 ne Mfinimfini Apueeɛ ne Asia Dwumadibea no Panyin wɔ Amannɔne Nsɛm Ho Dwumadibea a ɛwɔ Accra fi 1968 kɔsi 1969. Nea ɛka n’ananmusifo dwumadi ahorow nso ho ne dibea ahorow a ɔyɛe sɛ Ɔfotufo wɔ Aban Nnanmusini a ɛwɔ Ivory Coast fi 1963 kosi 1964 ne Aban Nnanmusini a ɛwɔ Egypt fi 1962 kosi 1963.

1981[sesa]

Wɔ afe 1981 mu no, wɔpaw no sɛ Ghana Ɔnanmusifo foforo wɔ Holy See (Ahennibea Kronkron) no so.[5]

2009[sesa]

Wɔ afe 2009 mu no, na ɔka wɔn a wɔpaw wɔn sɛ wɔnyɛ adwumakuo ne agyinatukuo mufoɔ wɔ Ɔman Badwa no anim no ho, na Ɔmampanyin John Evans Atta Mills na ɔyii wɔn.[6]

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 JOSEPH QUAO CLELAND (in English), retrieved 2023-12-14
  2. modernghana.com (2023-04-21), Book Review: The Kaya Diplomat by Ambassador Kwame Tenkorang - Part 1
  3. African Writers receives honorary awards, retrieved 2023-12-14
  4. Consultative group for Ghana - world Bank (PDF), 1985-11-20
  5. To the Ambassador of Ghana accredited to the Holy See on the occasion of the presentation of Credentials (January 17, 1981) | John Paul II, retrieved 2023-12-14
  6. ghanaweb.com (2009-10-26), Mills appoints new members of boards, councils (in English), retrieved 2023-12-14