Joseph Osei-Owusu

Ɛfi Wikipedia
Joseph Osei Owusu
First Deputy Speaker of Parliament
Mprenpren
Bere
7 January 2017
OdikanfoEbo Barton-Odro
Member of Parliament
for Bekwai Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2009
Ne ho asɛm
Awo bere22 January 1962 (1962-01-22) (age 62)
Bekwai
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔBekwai SDA Secondary School, Wenchi Secondary School and the University of Ghana, Legon
N'adwumaLawyer
Politician

Joseph Osei-Owusu (wɔwoo no 22 Ɔpɛpɔn 1962, wɔ Bekwai) yɛ Ghana mmaranimfoɔ, ne amanyɔni. Ɔyɛ ɔkasafoɔ abadiakyiri (first deputy speaker) a ɔdi kan wɔ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so awɔtwe a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no mu na ɔsan yɛ Mmarahyɛbadwani ma Bekwai Mmrahyɛbadwam mpɛsoa wɔ Ghana Mmarahyɛ Badwa no mu.[1][2][3]

Ne mmofraase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Osei-Owusu wɔ 22 Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so aduonu mmienu (22) afe 1962 mu na onyaa ne mfitiaseɛ nhomasua wɔ ne kurom, Bekwai.[4] Onyaa ne O-level ntoaso sukuu adesua wɔ Juaben Ntoaso Sukuu (Juaben Secondary School) a ɛwɔ Juaben wɔ Ashanti Mantam mu wɔ afe 1981. Wɔ afe 1983 mu no, ɔsan nso nyaa ne A-level wɔ Wenchi Ntoaso Sukuu mu (Wenchi Secondary School). Afei ɔkɔɔ so nyaa Bachelor wɔ Adwinni mu wɔ Nneɛma a Wɔagye Din ne Mmarawɔ mu firi Ghana Suapɔn (University of Ghana) mu wɔ afe 1987 mu, Barrister of Law (BL) wɔ Ghana Mmara Sukuu (Ghana School of Law) wɔ afe 1989 mu ne Executive master’s abodin krataa wɔ Aban ne Akannifo mu (Executive master's degree in Governance and Leadership) wɔ Ghana Asoɛe a ɛhwɛ adwumayɛ ne ɔman adwumayɛ so (Ghana Institute of Management and Public Administration - GIMPA) wɔ afe 2007 mu.[4][5]

Adwuma[sesa]

Osei-Owusu ayɛ adwuma sɛ mmaranimfoɔ (lawyer ) mfeɛ aduonu nkron (29 years) wɔ Ghana akyi a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ mmaranimfoɔ wɔ afe 1990. Ɔhyɛɛ n’adwuma ase wɔ Yaw Barimah & Co dan mu na akyiri yi ɔde ne ho kɔbɔɔ George Sarpong Legal Services baabi a akyiri yi ɔsɔre bɛyɛɛ Assistant Head of Chambers a ɛwɔ hɔ. Akyiri yi ɔbɛyɛɛ adwumayɛfo panyin (Chief Executive Officer - CEO) wɔ Aban a Ɛma Karkafo ne Kar Tumi Krataa (Driver and Vehicle Licensing Authority - DVLA) amammui mu paw a onyae wɔ John Agyekum Kufour bere so.[6]

Ɔkasafo Abadiakyiri a Odi Kan[sesa]

Wɔpaw no sɛ Ɔkasafo Abadiakyiri a odi kan (First Deputy Speaker) wɔ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no mu na wɔsan paw no wɔ saa dibea no mu maa Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so awɔtwe (8) no. Odii kan bɛyɛɛ Mmarahyɛbadwani wɔ afe 2009 mu, bere a wɔpaw no a onyaa abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 86.06%.[7]

Boayikuw ahorow[sesa]

Mprempren ɔyɛ Hokwan Boayikuw no guamtrani (chairperson) ne Boayikuw a Wɔpaw Wɔn wɔ mmarahyɛ badwa no mu (Appointments Committee in parliament) nso. Ɔsan nso yɛ Daa Ahyɛde Boayikuw (Standing Orders Committee) ne Akwan ne Akwantuo Boayikuw (Roads and Transport Committee) no muni.[4]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Osei-Owusu yɛ Kristoni.[4]

Ntotoho[sesa]

  1. "Members of Parliament". www.parliament.gh. parliament.gh. Archived from the original on 7 January 2017. Retrieved 17 January 2017.
  2. "Osei-Owusu, Bagbin elected 1st, 2nd Deputy Speakers". www.citifmonline.com. citifmonline.com. Retrieved 17 January 2017.
  3. "We may never be able to rely on Bagbin for successful government business - Deputy Speaker - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). 2022-01-23. Retrieved 2022-01-24.
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2022-01-16.
  5. "Joe Osei-Owusu picked as First Deputy Speaker of Parliament". www.graphic.com.gh. Graphic.com.gh. Retrieved 17 January 2017.
  6. "Minister inaugurates new DVLA office at Bekwai". www.ghanaweb.com. ghanaweb.com. Retrieved 17 January 2017.
  7. "Ghana MPs - MP Details - Osei-Owusu, Joseph". www.ghanamps.com. Retrieved 2020-01-30.