John Stanley Wontumi

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Joseph Stanley WontumiGhanani[1] a ɔgyina bɔɔlɔba akansie mu wɔ wiase afanan nyinaa yɛ ntangyinafoɔ. Wɔwoo no wɔ Accra afe apem ahankron aduonu-nnun mu. Joseph John Stanley Wontumi ne ne din ankasa nyinaa.[2]

N'adwuma[sesa]

Wɔ amanman so

Ghana Football Federation Refereeing Committee paw no sɛ ɔbɛtumi adi wiase afanan nyinaa bɔɔlɔbɔ akansie maa International Football Federation (FIFA) gyee no toom wɔ nkrataa so firi afe 1960 mu. Wadi aaknsie ahodoɔ beberee amanaman so.

Abibiman nyinaa bɔɔlɔbɔ akansie[sesa]

Tunisiaman no na ɛgyee Abibiman nyinaa bɔɔlɔbɔ akansie a ɛtɔ so nsia no sii wɔn nan so sɛ wɔbɛyɛ wɔ afe 1986 mu. Abibrem nyiaa bɔɔlɔbɔ kubaatan CAF too nsa frɛɛ no maa ɔbɛdii bi.[3]

Oympics[sesa]

Wɔ bɔɔlɔbɔ akansie no mu wɔ 1964 Summer Olympics no FIFA maa no akwannya maa no daa ne nimdeɛ adi wɔ berɛ a ɔgyinaa akansie bɛyɛ mmiɛnsa ntam.[4]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. John Stanley Wontumi - Stats (in English), retrieved 2023-11-28
  2. Referees from Ghana, retrieved 2023-11-28
  3. John Stanley Wontumi :: Ghana :: Referee Profile :: playmakerstats.com (in British English), retrieved 2023-11-28
  4. Wikiwand - Joseph Stanley Wontumi, retrieved 2023-11-28