John Coleman DeGraft-Johnson

Ɛfi Wikipedia
John Coleman DeGraft-Johnson
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameJohn Sesa
date of birth21 Ɔbɛnem 1919 Sesa
place of birthNkran Sesa
date of death1977 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationwriter Sesa

John Coleman DeGraft-Johnson (Wɔwoo no Ɔbɛnem da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ Afe apem ahankron aduonkron(21 March 1919) - na ɔwuu afe apem nkron aduonson nson(1977))na Ɔyɛ Ghana abakɔsɛm twerɛfoɔ,, nyansapɛfoɔ, ɔtwerɛfoɔ, sikasɛm ho nimdefoɔ ne ɔmanyɛfoɔ.

Nwomasua[sesa]

DeGraft-Johnson kɔɔ Mfantsipim Sukuu a ɛwɔ Gold Coast, a seesei wɔfrɛ no Ghana, a na ɛyɛ Britaniafoɔ mantam no mu. DeGraft-Johnson kɔɔ UK kɔtoaa n'adesua so. Ɔkɔɔ Edinburgh Sukuupɔn a ɛwɔ Scotland no bi. Mfiaseɛ no, wɔde no hyɛɛ ayaresa nhyehyɛeɛ no mu, a ɔde mfeɛ mmienu wieɛ. DeGraft-Johnson anwie n'aduruyɛ adesua da, na mmom ɔsan kɔɔ Edinburgh sikasɛm adesuabea kɔsuaa adwadie ne sikasɛm.

Owiee sukuu no wɔ bosome Ayɛwohumummɔ wɔ afe apem ahankron aduannan mmienu (1942) mu nyaa adwadie mu abodin krataa. Mfeɛ mmienu pɛ akyi, wɔ bosome Ayɛwohumummɔ,afe apem ahankron aduannan nnan (1944) mu no, Ɔnyaa Master of Arts abodin wɔ Sikasɛm Mu Nyansahunu mu. Berɛ a DeGraft-Johnson wiee ne magister no, ɔfirii n'adwuma ase sɛ nyansapɛfoɔ, na owiee wɔ bosome Ɔpɛnima,afe apem ahankron aduannan nsia (1946) mu.

Adwuma Ne Diberɛ[sesa]

Na DeGraft-Johnson ka Gold Coast National Committee (GCNC) a wɔmaa wɔn adwuma sɛ wɔnhwehwɛ Volta Delta no sikasɛm mu nkɔsoɔ ho nsɛm mu wɔ afe apem ahankron aduonun mmiɛnsa (1953) mu no.

Ná Committee no mufoɔ no yɛ,

  • President Kwame Nkrumah, Chairman
  • K. C. Tours (Minister of Finance)
  • Komla Agbeli Gbedemah (Minister of Trade and Industry)
  • John Coleman DeGraft-Johnson
  • William Ofori-Atta
  • C.F. Amoo-Gottfried
  • E. E. Kurankyi Taylor
  • S. T. Flecku.
  • Ansa na afe apem ahankron ()1956 reba no, na ɔyɛ adwuma wɔ Ɔman Ahemman Adwumayɛbea a ɛwɔ London no mu.
  • Ɛno akyi no, na ɔyɛ adwuma wɔ Ghana Cocoa Marketing Company Limited (London), a ɛyɛ Cocoa Marketing Board ne Dwumadibea a Ɛhwɛ Adwumayɛ ne Adwuma so wɔ Ghana no mu.
  • Na ɔhwɛ Ɔfese a Ɛwɔ Akyirikyiri Adesua so wɔ Ghana Sukuupɔn mu.
  • Ɛfiri afe apem ahankron aduonum nsia (1956) kɔsii afe apem ahankron aduonum nnwɔtwe (1958) no, na ɔyɛ Ɔbenfo a ɔkyerɛ adeɛ wɔ Delhi Sukuupɔn mu.
  • Ɛfiri afe apem ahankron aduonum nkron (1959) kɔsii sɛ ɔwuiɛ no, na ɔyɛ Ɔbenfo a ɔhwɛ Economics so wɔ Ghana Sukuupɔn mu.

DeGraft-Johnson Committee of Enquiry

Berɛ a asraafo to hyɛɛ Kwame Nkrumah so wɔ bosome Ɔbɛnem, afe apem ahankron aduosia nsia (1966) mu no, National Liberation Council faa tumi wɔ Ghana na wɔpaw DeGraft-Johnson, a ɔyɛ DeGraft-Johnson Committee of Enquiry no ti a ɔnte wɔn ase, sɛ ɔnhwehwɛ adwuma a United Ghana Farmers Co-operative Council yɛ no mu. (UGFCC). UGFCC no de ne tumi nyinaa hyɛɛ koko so wɔ Ɔmanpanyin Nkrumah a na ɔyɛ ɔmanyɛfoɔ no amammuosɛm ase. Na UGFCC no yɛ amanyɔkuo a na ɛyɛ Convention People's Party (CPP) a na wɔdii adeɛ wɔ mfiase no, na akyire yi na ɛyɛ amanyɔkuo koro pɛ a ɛwɔ Ghana a na Nkrumah yɛ wɔn titenani.

Adwene a ɛnteɛ ahodoɔ bi wɔ hɔ a na Commission no ahunu. Sɛ nhwɛsoɔ no, wɔka sɛ UGFCC anyɛ adan ne nneɛma foforɔ a ɛsom bo ho ka biara. DeGraft-Johnson amanneɛbɔ no kyerɛ sɛ na UGFCC a na wɔapopa no dada wɔ berɛ a na wɔreyɛ nhwehwɛmu no, na wɔabɔ no soboɔ kɛseɛ sɛ wayɛ porɔyɛ.[1]

Ambassadors

Ɛfiri afeapem ahankron aduasia nson (1967) kɔsii afe apem ahankron aduonson (1970) no, na ɔyɛ ɔsɛmpatwerɛfoɔ wɔ The Hague.[2]

Wɔ afe apem ahankron aduonsia nnwɔtwe (1968) mu no, wɔmaa no tumii sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ aban a ɛwɔ Brussels no mu, na wɔ bosome Kɔtɔnima da ɛtɔ so num, afe apem ahankron aduonsia(1968) no, wɔmaa no tumii sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ EEC no mu.[3][3]

Adwuma[sesa]

Afrikafoɔ Nkɔsoɔ Wɔ Nkɔsoɔ Mu.

Monomotapa Ahemman no.

Afrika Animuonyam: Negro Abenfoɔ a Wɔayera Ho Abakɔsɛm. London, afe apem ahankron aduonum nnan (1954).

An Introduction to the African Economy.Afe apem ahankron aduonsia nnan (1964).

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. Wayback Machine (archive.org)
  2. West Africa, West Africa Publishing Company, Limited, 1977, books.google.de, books.google.de, books.google.de, books.google.de, p. 709 books.google.de. ↑
  3. 3.0 3.1 Corps Diplomatique, EEC (PDF; 1.9 MB).