Joe Baidoo-Ansah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Joe Baidoe-Ansah
Member of the [[Gaana Parliament]]
for Kwesimintsim abatoɔ mpasua
Bere
7 Ɔpɛpɔn 2012 – 6 Ɔpɛpɔn 2017
OdikanfoJoseph E.K. Abekah
AnanmusiniConstituency split
Member of the Ghana Parliament
for Kwesimintsim abatoɔ mpasua
Bere
7 Ɔpɛpɔn 2001 – 6 Ɔpɛpɔn 2012
OdikanfoConstituency split
AnanmusiniJoseph Mensah
Ne ho asɛm
Awo bereJanuary 28, 1964 (1964-01-28) (age 60)
Gaana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party

Joe Baidoo-Ansah wɔ woo no afe 1964, ɔyɛ Nsɛmkyerɛni, Ɔkasamafoɔ, wɔapata nipa ahofadi na ɔsan yɛ amanyɔni. Na ɔyɛ mmrahyɛbadwani ma Kwesimintsim abatoɔ mpasua wɔ New Patriotic Party din mu. Ɔkɔɔ mmrahyɛbadwafie efiri afe 2001 kɔsi 2017. Na ɔsan so yɛɛ aban soafoɔ bɛdiakyiri wɔ Nsrahwɛ ne amanɔne nhyehyɛ ho. Ɔsan yɛɛ soafoɔ ma Wimhyɛn nnwuma, Nnwuma, Private sector mpuntu dwuma ne President's special Initiatives, wɔ bere a John A. Kufuor yɛ manpayin. Ɔyɛɛ Ɔmanoayin kɔ sii sɛ wɔ kyɛ Effia abatoɔ mpasua ne Kwesimintsim abatoɔ mpasua mu.[1]

Abrabɔ ahyɛase ne Sukuu[sesa]

Baidoe-Ansah wɔ woo no Ɔpɛpɔn bosome da ɛtɔso 28 afe 1964. wɔ kuro a wɔ frɛ no Asakae wɔ Atɔɛ mantamu wɔ Gaana. Afe 1997, na ɔnyaa n'abɔdin master's degree wɔ Human rights wɔ London Sukuupɔn (University of London). Ɔsan so kɔɔ Kofi Annan International Peacekeeping Center sukuupɔn na ɔnyaa master's of arts in Conflict, Peace and Security.[2][3] Baidoo-Ansah din nkan yɛ Nsɛmkyerɛni, ɔgye abasobɔde sɛ "best Investigative Journalist" afe 1994.

Adwuma[sesa]

Baidoe-Ansah yɛ Nsɛmkyerɛni, Ɔkasamafoɔ ne ɔbenfo wɔ "conflict and peace". Na Baidoe-Ansah yɛ news editor maThe Independent dawurobɔ krataa. Ansa ɔbɛyɛ mmrahyɛbadwani no, na ɔyɛ kwankyerɛfo payin a ɔda Ghana Committee on Human and Peoples Rights (GCHPR).[4]

Amanyɔsɛm[sesa]

Baidoe-Ansah yɛɛ mmrahyɛbadwani firi afe 2001 wɔ Effia/Kwesimintsim abatoɔ mpasua so na ogyina hɔ ma New Patriotic Party. Na ɔyɛ wɔn mmrahyɛbadwani de kɔpem sɛ wɔ kyɛɛ mmrahyɛbadwa no mienu. Akyiri no ogyina hɔ ma Kwesimintsim abatoɔ mpasua no firi afe 2013 kɔ si 2017. Bere a na Baidoe-Ansah wɔ mmrahyɛbadwa fie no na ɔka kuo bebree ho ebi te sɛ: Appointment Committee, Foreign Affairs Committee, Ɔpayin a ɔda Youth and Sports Committee, Ranking Member ma Committee wɔ Government Assurances ne Chairman ma Communications Committee. Ɔsan bɛ yɛ Ɔsomafo ma Nsrahwɛ ne amanone nsɛm.[5][6]

Abrabɔ[sesa]

Baidoe-Ansah w'are Theresa Baidoe-Ansah,a owui afe 2019 bosome Ɔpɛnimaa da ɛtɔso 25. Wɔn mienu wɔ nkwadaa miensa. Baidoe-Ansah yɛ Catholic ni.[1]

Beaɛ menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 MPs (in American English), retrieved 2022-09-11
  2. https://mobile.ghanaweb.com/GhanaHomePage/republic/parliamentatian.php?ID=30
  3. Peace FM Online, Joe Baidoe-Ansah Enters NPP General Secretary Race, retrieved 2022-09-11
  4. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/republic/parliamentatian.php?ID=30
  5. https://www.graphic.com.gh/news/politics/ghana-news-joe-baidoe-ansah-loses-wife.html
  6. https://www.modernghana.com/news/843956/where-was-baidoe-ansah-when-afoko-gang-attempted.html