Jessica Opare-Saforo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Jessica Opare-Saforo
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageJessica Opare-Saforo Sesa
given nameJessica Sesa
family nameOpare, Saforo Sesa
date of birth29 Oforisuo 1981 Sesa
place of birthGhana Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Ghanaian Pidgin English, Twi Sesa
occupationjournalist, entrepreneur Sesa
educated atUniversity of Ghana, Akosombo International School Sesa
academic degreeBachelor of Arts Sesa
academic majoreconomics, psychology Sesa
work locationNkran Sesa
work period (start)2000 Sesa
award receivedRTP Awards, DJ Awards Sesa

Jessica Opare Saforo(wɔwoo no Oforisuo bosome da a ɛtɔ so aduonu nkron wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe baako) yɛ Ghana Nsɛntwerɛni, Kasamfoni ne obi a ɔdi dwuma wɔ kasafidie so na ɔsane yɛ nnwuma pii.[1] Biom, ɔno na ɔdi anim ma wɔde Transformation with Jess a ɛyɛ adeɛ a ɛdikan a ɛma nipa so te wɔ Ghana wɔ kasamfoni so.[2] Ɔno ne The Voice Ova Company a ɛyɛ dwumakuo a ɛboa nnipa a ɛwɔ adom akyɛdeɛ wɔ nne mu di yie nyinaa Kɔfabaeɛ.[3]

Nnwomasua[sesa]

Saforo kɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ Akosombo ntoasoɔ sukuu [3] na ɔnyaa ne Bakyela degree wɔ Art mu firii University of Ghana,Legon a Ɔsuaa Economics ne Psychology.[4]

Nnwuma[sesa]

Saforo yɛɛ adwuma wɔ kasafidie so bɛyɛ mfeɛ aduonu ɛna kasamfoni so bɛyɛ mfeɛ du nsia ɛno nti na ɔyɛ nsɛntwerɛni a wakyɛ wɔ nsɛntwerɛ adwuma mu. Ɔhyɛɛ aseɛ sɛ nsɛntwerɛni wɔ Vibe kasafidie so wɔ mfeɛ mpem mmienu ɛna wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan mu ɔkɔɔ Choice Fm. Ɛno akyire no ɔkɔɔ Citi FM wɔ mfeɛ mpem mmienu ne num mu a ɛbɛyɛɛ tetenani maa Citi Drive ɛna ɛno akyire no ɛbɛyɛɛ Brunch wɔ Citi ɛna Traffic Avenue.[5] Na ɔno na ɔdi anima wɔde Celebrity Fanzone ba wɔ GH One kasamfoni so, celebrity a woanya abasobɔdeɛ ne wɔn abrabɔ ho nsɛm nanso seisei deɛ ɔdi dwuma bi te sɛ Sister sister, mmaa nkitahodie wɔ wɔn awareɛ mu. Ɔbɛyɛɛ adwuma sɛ ɔtotoiɛfoɔ wɔ Citi 97.3 Fm ne Citi kasamfoni so, kasamfoni ne kasafidie yi mmienu yɛ adeɛ a agye din wɔ Ghana.[6]

GhanaWeekend de too dwa sɛ Jessica agyae adwuma yɛ wɔ Citi kasafidie ne kasamfoni no so wɔ ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so aduonu nnwɔtwe wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mmienu. Ɔda dwumadie ahodoɔ pii wɔ abɛɛfo ntentan so,'Brunch in the citi', 'sex in the Citi,' 'sister sister', 'upside Down' ne Traffic Avenue'(a na wɔfrɛ no 'Citi Drive') a na ɛyɛ adeɛ a wɔyɛ no awia berɛ.[7]

Abasobɔdeɛ[sesa]

Abasodeɛ bi a ɔnyaeɛ nie.[8]

Year Nominee / work Award Result
2013 Jessica Opare Saforo Radio and Television Personality Awards (Best Mid-Morning Show Host ) Won
2014 Jessica Opare Saforo Radio and Television Personality Awards (Female Radio Presenter of the Year Won
2014 Jessica Opare Saforo Eagles Summit Africa Leadership and Empowerment Awards (Female Radio Personality of the Year Won
2015 Jessica Opare Saforo DJ Awards (Best Female Radio DJ) Won
2015 Jessica Opare Saforo Radio and Television Personality Awards (Radio Late Afternoon Show host of the year) Won
2015 Jessica Opare Saforo Radio and Television Personality Awards (Best Female Radio Presenter) Won
2016 Jessica Opare Saforo Radio and Television Personality Awards (Personality of the Year) Nominated
2016 Jessica Opare Saforo Radio and Television Personality Awards (Radio Late Afternoon Show host of the year) Nominated
2016 Jessica Opare Saforo Radio and Television Personality Awards (Radio Female Presenter of the Year) Nominated

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/7-powerful-women-in-Ghana-s-media-industry-596030
  2. https://buzzghana.com/10-admired-female-ghanaian-celebrities/
  3. 3.0 3.1 https://www.graphic.com.gh/entertainment/showbiz-news/my-man-my-business-jessica-won-t-say-who.html
  4. https://cititvonline.com/jessica/
  5. https://ameyawdebrah.com/jessica-opare-saforo-takes-citi-fms-afternoon-drive-traffic-avenue/
  6. https://www.newsghana.com.gh/jessica-bemoans-police-brutality-on-16-year-old-girl/
  7. https://ghanaweekend.com/2022/01/28/jessica-opare-saforo-quits-citi-fm-after-17-years/
  8. Archive copy, archived from the original on 2020-12-05, retrieved 2022-03-20{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)