Jennifer Nansubuga Makumbi.

Ɛfi Wikipedia
Jennifer Nansubuga Makumbi.
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipUganda Sesa
given nameJennifer Sesa
family nameMakumbi Sesa
date of birth20. century Sesa
place of birthKampala Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationpoet, writer Sesa
educated atUniversity of Lancaster, Islamic University in Uganda, Trinity College Nabbingo Sesa
notable workKintu Sesa
award receivedWindham–Campbell Literature Prizes Sesa
personal pronounL484 Sesa

Ɛbɛyɛ afe apem ahankron ne aduasia mu(1960s) na wɔwoo Jennifer Nansubuga Makumbi'. Ɔyɛ Uganda -British nwoma twerɛfoɔ. [1] Wɔyii no kaa nipakuo a wɔn mmɔndenmɔ sɔ ani ɛwɔ nwomatwerɛ ho[2]siane bɔbɔɔ de Kwani? abasobɔdeɛ bɔɔ no ɛwɔ  ne nwoma a 'The Kintu Saga'  a ɔtwerɛeɛ. Afe mpenu ne du mmiɛnsa(2013)  'Manuscript Project.[3]'Kwani Trust ɛwɔ afe mpenu ne du nan(2014) too nwoma no din 'Kintu' siane  de atwensɛm nwoma yi bɛtoo twa. [4][5][6]Ne nwoma no bi ne 'Manchester Happened ɔde too dwa ɛwɔ afe mp\enu ne du nkron mu(2019)[7]Commonwealth Short Story Prize dwumadie a wɔdii no wɔ  afe aduonu ne du nan(2014) mu no, wɔyii ne nwoma 'Let's Tell This Story Properly'' kaa  nkorɔfokuo a wɔbɔɔ wɔn aba so no ho. [8]Ɔbɛyɛɛ Mpɔtamni nkonimdifoɔ ɛwɔ Abibi man mu.[9] Afe mpenu ne du nan(2014) Commonwealth Short Prize dwumadie no kɔɔ n'awieɛ no, wɔyii no sɛ ɔno na wabɔ ne ho mmɔden pa ara ɛwɔ dwumadie no mu. [10][11]Afe mpenu ne du nan(2014) Etisalat Prize for Literature nso wɔde ne din kaa ho bɔɔ n'aba so wɔ hɔ.[12] Ɔkyerɛ 'Creative Writing'  ɛwɔ Lancaster Suapɔn mu.[13]Wɔbɔɔ no abaso bio  ɛwɔ Windham-Campbell Prize. dwumadie ase  ɛsiane ne bɔsrɛmka ho nsɛm a ɔtwerɛe ɛwɔ afe mpenu ne du nwɔtwe mu(2018). [14]Ɔde ne nwoma, 'The First Woman ' nso nyaa Jhalak Prize abasobɔdeɛ . Ɔne ne kunu Damian ne ne ba barima Jordan tenaa Manchester . [15]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne Sukuukorɔ.[sesa]

Wɔwoo Jennifer Nansubuga Makumbi ɛwɔ Kampala a ɛwɔ Uganda man mu. Ɔno ne ba panin wɔ ne papa Anthony Kizito Makumbi mma mu. Ɛyɛ ba a ɔtɔ so mmiɛnsa ɛwɔ ne maame Evelyn Nnakalembe mma mu. N'awofoɔ ntam teteɛ berɛ a na wadi mfeɛ mmienu ɛna ɔne ne nana barima  Elieza Makumbi tenaa mfeɛ mmienu.

Idi Amin amammuo abrɛ so no ,wɔkyeree ne papa  a na ɔyɛ adwuma wɔ sikakorabea bi mu yɛɛ no ayakayakadeɛ. Berɛ a wɔde ne nkwa kyɛɛ no no,ɔnyaa adwene mu haw ne nkwa nna nyinaa de kɔsii berɛ a ɔwuiɛ. Makumbi sewaa, Catherine Makumbi-Kulubya na ɔtetee no. Ahyɛaseɛ no,na ɔne n'abusua te Nakasero.Ɛyɛɛ kakra no, wɔkɔtenaa Kololo.


Ɔnyaa ne O-Level abɔdin krataa ɛwɔ Trinity College Nabbingo ɛna ne A-Levels nso, ɔnyaa B.A degree in English abɔdin krataa ɛwɔ King's College Budo. Ɔdɔɔ sukɔ ɛwɔ adekyerɛ mu a ɛfa kasa dwini ho ɛwɔ Brɔfo kasa mu ɛwɔ Islamic Suapɔn a ɛwɔ Uganda. Ɔbɛyɛɛ atwerɛ mu samufoɔ maa saa supɔn no nwomada hɔ mu, IUIU Mirror no. Makumbi dii kan kyerɛɛ adeɛ ɛwɔ Nakasero Sukuu ntoasoɔ mu a ɛyɛ A-level sukuu. Ɔsiase kyerɛɛ adeɛ mfeɛ nwɔtwe ɛwɔ Hilside High  School. Ɛyɛ ankorankorɛ ntoasoɔ  sukuu a ɛwɔ Uganda.


Inta-sonu akansie a ɛkɔɔ so ɛwɔ Luganda no,ɔtwerɛɛ ahwɛgorɔ nwoma a ɔtoo ne din sɛ 'Sitaani Teyebase'. Ɔde saa nwoma yi dii nkonim ɛwɔ akansie no mu maa ɔde kɔɔ aporɔ ɛwɔ SDA nsɔrensɔre ahodoɔ a wɔwɔ Kampala.


Afe mpenu ne baako ɛwɔ   Ɛbɔ bosome mu no(9-2001), wɔgyee no sɛ suani ɛwɔ Manchester Metropolitan  University maa ɔkɔnyaa abɔdin krataa(MA) ɛwɔ Creative Writing  mu. Ɔwiee PhD ɛwɔ Creative Writing mu ɛwɔ Lancaster Suapɔn mu.[16] Makumbi akyerɛ adeɛ ɛwɔ UK suapɔn ahodoɔ pii mu a na ɔrekyerɛ Brɔfo kasa ɛne  Creative Writing sɛ   suapɔn no kyerɛkyerɛni  N'atwerɛ dan Granda anum kasadwini adi pa ara ɛnkanka atesɛm a ɛfa gyidiehunu ho ,abakɔsɛm a ɛfa nnipa titire bi ho, anansesɛm na kasa mmɛbuo ho. [17][18]

Atwerɛ[sesa]

Makumbi hyɛɛ aseɛ twerɛe bɛrɛ a na wadi mfeɛ du num(15). Ɔsiase de ne ho hyehyɛɛ ahwɛgorɔ mu sii akan ahodoɔ maa ne sukuu maa wɔtɔɔ so mmiensa. Ɔtwerɛɛ ahwɛgorɔ bio berɛ a na wadi mfeɛ du nwɔtwe (18) maa ɛno nso wɔtɔɔ so mmiɛnsa. Na ɔwɔ Senior 3 no, ɔtwerɛɛ n'ahwɛgorɔ  a ɛdi kan a ɔde yɛɛ Inter-house competition maa ɔdii nkonim.  Ɔtwerɛɛ saa ahwɛgorɔ yi nyinaa ɛwɔ Brɔfo kasa mu.[16].  Ɛwɔ afe apem ahankron ne aduokron nan mu no (1994), ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔbɛtwerɛ ahwɛgorɔ ahodoɔ agugu ne nwoma ketewa bi mu sɛdeɛ ɛbɛboa no ama watumi adan n'atenka a ɔnya wɔ n'asetena mu adi. Ɔtwerɛɛ anwonsɛm bɛboro aduonum(50) nso anka no da sɛ ɔde bɛpue abɔntene. Ɔhyɛɛ aseɛ twerɛɛ prosu ɛwɔ afe apem ahankron ne aduokron nwɔtwe mu(1994) berɛ a na ɔrekyerɛ adeɛ ɛwɔ Kampala[19]

Amammerɛ  pa ara na na Makumbi twerɛ fa ho. Ne suahunu maa no hunuu ɔbɛtumi atwerɛ nsɛm pii na afa  amammerɛ nsɛm ho ɛfiri sɛ ɛho nsɛm dɔɔso. Waka sɛ,' Eng coat ''...[20] Ɛwɔ sɛ yɛhyɛ no nso sɛ ne bɔseɛmuka atwerɛ  no mu nsɛm no gyina Abibirem ha nsɛm ho.[21][22]

Africa Writing ɛne Commonword na wɔde n'atwerɛ ho nsɛm to dwa.  Ɔhwɛ Abibiman akenkankuo ARG! ɛwɔ Manchester.[15] Ɔde Sweet kasa twerɛɛ anwensɛm . ''Father Range'' ɛne ''Father cried in the kitchen ''[8]

Ɔde ne nwoma The Kintu Saga gyee Kwani? Manuscript Project  abasobɔdeɛ ,nhyehyɛeɛ foforɔ a wɔayɛ de bɔ Abibifoɔ a wɔtwerɛ bɔseɛmuka ho nsɛm,[23242526]. Ɔde too dwa ɛwɔ afe mpenu ne du nan mu.  Nwoma no din de Kintu. Wɔyii no kaa afe mpenu ne du nan (2014) Commonwealth Short Story Prize  nkorɔfokuo a wɔwɔ Abibirem a wɔtwerɛ nsɛm ho. (Adelehin ljasan a ɔfiri Nigeria ɛne Michelle Sacks a ɔfiri South Africa ), [28293031] Ɔde ne nwoma ''Let's Tell This Story Properly '' dii nkonim.

Ɛwɔ afe mpenu ne du nwɔtwe mu no(2018), wɔyii no kaa nkorɔfokuo nwɔtwe a  wɔbɔɔ wɔn aba so ɛwɔ Windham-Campbell Prize akansie mu.

Nwoma ahodoɔ a ɔde ato dwa[sesa]

Nwoma tiawa[sesa]

  • Oakland: Transit Books, 2017. ISBN 9781945492013. London: Oneworld Publications, 2018, ISBN 978-1786073778
  • The First Woman, Oneworld Publications, 2020

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Daniel Musitwa, "Ugandan Author Jennifer Nansubuga Makumbi wins 2013 Kwani? Manuscript Prize", africabookclub.org, 4 July 2013. Retrieved 15 February 2016.
  2. "Interview with Jennifer Nansubuga Makumbi, shortlisted for her novel The Kintu Saga", kwani.org. Retrieved 12 May 2014.
  3. "Winner: Jennifer Nansubuga Makumbi, The Kintu Saga", kwani.org. Retrieved 12 May 2014.
  4. "Kwani Trust launch award-winning writer Jennifer Nansubuga Makumbi's debut novel Kintu", kwani.org, 16 June 2014. Retrieved 2 July 2014
  5. Beatrice Lamwaka, "Jennifer Makumbi narrates the Ugandan story in Kintu", Daily Monitor (Uganda), 28 June 2014. Retrieved 2 July 2014.
  6. Ali Mazrui, "Of Kintu, the witty, sensual and provocative page turner", Daily Nation, 27 June 2014. Retrieved 2 July 2014.
  7. Ali Mazrui, "In brief: Manchester Happened; Freshwater; Zonal Marking – reviews", The Guardian, 2 June 2019. Retrieved 15 November 2019
  8. 8.0 8.1 "Commonwealth Short Story Prize 2014 Shortlist" commonwealthwriters.org. Retrieved 12 May 2014.
  9. "Commonwealth short story prize 2014 regional winners", commonwealthwriters.org. Retrieved 15 May 2014.
  10. "Ugandan Jennifer Makumbi wins the Commonwealth Short Story Prize", The Commonwealth, 16 June 2014. Retrieved 20 August 2022.
  11. Alison Flood, "Commonwealth short story prize goes to 'risk-taking' Ugandan", The Guardian, 13 June 2014. Retrieved 16 June 2014.
  12. "South Africans Dominate the Longlist for 2014 Etisalat Prize for Literature", BooksLive. 6 November 2014. Retrieved 7 November 2014
  13. "Jennifer Makumbi", antonyharwood.com. Retrieved 12 May 2014.
  14. "Jennifer Makumbi Honoured with $165,000 Windham-Campbell Prize, Alongside 7 Others", Brittle Paper, 7 March 2018.
  15. 15.0 15.1 "New chapter for African writer after top award", Lancaster University, 26 July 2013. Retrieved 12 May 2014.
  16. 16.0 16.1 "Jennifer Makumbi", lancaster.ac.uk. Retrieved 12 May 2014.
  17. About, jennifermakumbi.net. Retrieved 12 May 2014.
  18. "Jennifer Nansubuga Makumbi | Author". jennifermakumbi.net. Retrieved 29 March 2017.
  19. Jennifer Makumbi: Winner of Kwani?'s Manuscript Project, the-star.co.ke Retrieved 12 May 2014
  20. Bamuturaki Musinguzi, "Oral tradition pays off for Jennifer Makumbi", The East African, 20 June 2014.
  21. "On how I started to write from African oral traditions" jennifermakumbi.net. Retrieved 12 May 2014.
  22. "Jennifer Nansubuga Makumbi". Granta Magazine. Retrieved 29 March 2017