James Victor Gbeho

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

James Victor Gbeho (yɛwoo no wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so dummienu wɔ afe apem ahankron ne aduasa num mu(1935) wɔ Keta a ɛwɔ Ghana) yɛ Ghana mmaranimni ne diplomat a na ɔyɛ ECOWAS kuo mu panin firi mfeɛ mpem mmienu ne du(2010) mu kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne dummienu(2012) mu.[1]

James Victor Gbeho
ECOWAS Commission kuo Panin
Bere
Ɔgyefuo 18, 2010 – Ɔbenem 1, 2012
OdikanfoMohamed Ibn Chambas
AnanmusiniKadré Désiré Ovedraogo
Mansoafoɔ a ɔhwɛ Amanɔne ho nsɛm so
Bere
Ɔpɛpɔn 7, 1997 – Ɔpɛpɔn 7, 2001
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
OdikanfoObed Asamoah
AnanmusiniHackman Owusu Agyeman
Mmarahyɛbadwafoɔ ma Anlo Mpɛsoa
Bere
Ɔpɛpɔn 7, 2001 – Ɔpɛpɔn 6, 2005
ƆmanpanyinJohn Agyekum Kufour
Ne ho asɛm
Awo bereƆpɛpɔn 12, 1935
Keta
Ne manGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress (NDC)

Ɔyɛɛ mansoafoɔ a na ɔhwɛ Ghana Amanɔne sɛm so firi afe apem ahankron ne aduokron nson(1997) de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne baako(2001) mu wɔ Mampanini Jerry John Rawlings amammuo ase, ne mmarahyɛbadwani ma Anlo mpɛsoa no firi Ɔpɛpɔn bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako(2001) kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne num(2005) mu. Na ɔsan so yɛ Amanɔne nhyehyɛeɛ fotufoɔ ma Ɔmanpanin John Atta Mills amammuo.

Nnwomasua[sesa]

Victor kɔɔ sukuu wɔ Achimota School, Philip Gbeho ɔhyehyɛɛ Ghana national ne ne papa na ne wɔfa nso ne Komla Dumor a ɔyɛ nsɛntwerɛni.

Amanyɔsɛm[sesa]

Victor Gbeho yɛɛ mmarahyɛbadwani maa Anlo mpɛsoa no wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmiɛnsa sɛ ɔkansifoɔ a wannyina amma amanyɔkuo biara.

Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu(2000) Ghanaman nyinaa abatoɔ mu na yɛyii no sɛ Anlo mpɛsoa no mmarahyɛbadwani a wannyina amma amanyɔkuo biara. Ɔno ne ɔkansifoɔ a ɔtɔ so mmienu a wannyina amma amanyɔkuo biara odii nkunim sɛ mpɛsoa so no mmarahyɛbadwani wɔ Volta Mantam abatoɔ mu.[2][3][4]

Gbeho nyaa mma mpem dunkron, ne aduowɔtwe mmiɛnsa (19,083) a egyina hɔ ma ɔha nkyemu aduosia nwɔtwe ne akyirepɔ mmienu (68.2%) wɔ mma dodoɔ a ɛbaeɛ nyinaa mu ɛyɛ mma mpem aduonu nwɔtwe, ɔha ne aduonum nsia (28,156) mu.[5]

Akansifoɔ a ɔdii wɔn so nkunim ne Clend M. Kwasi Sowu a ɔgyina maa kyiniiɛ amanyɔkuo (NDC) a ɔnyaa mma mpem nan, ahanu ne aduonu mmiɛnsa (4,223) a egyina hɔ ma ɔha nkyɛmu dunum ne akyirepɔ baako(15.1%), Esther IIan A. Nyamalor a wannyina amma amanyɔkuo nso nyaa mma mpem mmiɛnsa ne ahanwɔtwe (3,800) a egyina hɔ ma ɔha nkyɛmu dummiɛnsa ne akyirepɔ nsia(13.6%), Godwin Kwaku Defeamekpor a ɔgyina maa Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no nso nyaa mma ahasa ne aduonu nson(327) a egyina hɔ ma ɔha nkyɛmu baako ne akyirepɔ mmienu(1.2%), Clemence Kwami Abotsi a ɔgyina maa Akokɔ Kɔkɔɔ (CPP) amanyɔkuo no nso nyaa mma ahanu ne aduanan-nkron(249) a egyina hɔ ma ɔha nkyɛmu ohunu ne akyirepɔ nkron(0.9%), Cornelius Kofi Binewoatsor a ɔgyina maa National Reformed Party nso nyaa mma ɔha ne aduosia mmienu(162) a egyina hɔ ma ɔha nkyɛmu Ohunu ne nsia(0.6%), Prince Richard Abotsi a ɔgyina maa United Ghana Movement amanyɔkuo no nso nyaa mma ɔha ne dunwɔtwe(118) a egyina hɔ ma ɔha nkyɛmu ohunu ne akyirepɔ nan(0.4%) ne Goyimwole Enukomeko a ɔno nso annyina amma amanyɔkuo biara nso nyaa mma ohunu.[6]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://allafrica.com/stories/201003220949.html
  2. https://web.archive.org/web/20200219090455/http://archive.ipu.org/parline-e/reports/arc/2123_92.htm
  3. https://www.fact-checkghana.com/statistics-presidential-parliamentary-election-results/
  4. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/volta/
  5. https://en.m.wikipedia.org/wiki/James_Victor_Gbeho#cite_note-:2-11
  6. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/volta/188/