Mansoafoɔ

Ɛfi Wikipedia

Mansoafoɔ yɛ amanyɔni a ɔda asoeɛ bi ano[1] [2]a ɔfa adwene na ɔde yɛ adwuma berɛ ɔne Asoafoɔ aka na ɛdi saa dwuma no. Ɛwɔ aman bi so no, onipa ɔda aban ano no nso sane yɛ mansoafoɔ a wɔfrɛ no ‘prime minister’, ‘premier’, ‘chief minister’, ‘chancellor’ anaa deɛ ɛka ho.

Ɛwɔ 'Commonwealth' beaeɛ a ɔwɔ tumidie a ɛde Mansoafoɔ hyehyɛeɛ di dwuma no, mansoafoɔ no taa firi mmrahyɛbadwafie mmienu no mu baako a Ɔsane nso yɛ amanyɔkuo a ɔyɛ Dɔm kɛseɛ wɔ mmrahyɛbadwafie ketewa no mu. Ɛwɔ aman foforɔ so no te sɛ Belgium, Mexico, Netherlands[3], Philippines, Slovenia, ne Nigeria— onipa a ɔkura mansofoɔ diberɛ biara nni ho kwan sɛ ɔyɛ mmrahyɛbadwani. Ɛgyina nhyehyɛeɛ a ɔman biara de bu ne man, Mansoafoɔ taa da aban asoaeɛ ano. Mansoafoɔ no bi diberɛ so sene ɛbinom ɛna ɛbinom wɔ diberɛ te sɛ Mansoafoɔ abadiekyire. Aman bi a wɔwɔ Mansoafoɔ pii no, bɛtumi de mansoafoɔ no bi aka wɔn a tu aban fo no ho.

Ɛwɔ Aman bi te sɛ Hong Kong, Mexico, the Philippines, the United Kingdom, ne United States wɔn a wɔwɔ diberɛ a ɛne aban fotufoɔ yɛ pɛ no wɔtaa frɛ wɔn Atwerɛtwerɛfoɔ Nhwɛsoɔ Ɔtwerɛtwerɛfo a ɔwɔ United Kingdom, Ɔman twerɛfoɔ a ɔwɔ United States. Nnipa binom a wɔwɔ aban fotufoɔ diberɛ no nso wɔtumi frɛ wɔ Aban Lɔya panin ne ade.

Mansoafoɔ Mfitiaseɛ[sesa]

Finland Ɔbaa Ɔdii kan yɛɛ Mansoafoɔ a wɔde no kɔɔ female ministers were brought to Mmrahyɛbadwafie shortly after the turn of the 20th century.[4] From left to right: Hedvig Gebhard (1867–1961), member of parliament, and Miina Sillanpää (1866–1952), Minister of Social Affairs,[4][5] in 1910.

Finland ɔbaa mansoafoɔ ɔdi kan no de ne mmrahyɛbadwafie dwumadie baa awieɛ ankyɛre koraa na yɛwura afe Ha aduonu mu. Hedvig Gebhard yɛɛ adwuma firi afe apem ahenwɔtwe ne aduosia nson kɔ si afe apem ahenkron ne aduosia baako (1867–1961) sɛ mmrahyɛbadwani ɛna Miina Sillanpää nso yɛɛ adwuma firi afe apem ahenwɔtwe ne aduosia nsia de kɔ so afe apem ahenkron aduonum mmienu (1866–1952) sɛ Mansoafoɔ a ɔhwɛ Asetena so. Asɛmfua Mansoafoɔ yɛ tumi nso de frɛ Obi a Aban ayi no sɛ ɔnkɔ si nanam mu wɔ Ɔman foƒorɔ so.

Asɛmfua yi firi 'Middle English' a wɔnya firii French kasa mu asɛmfua 'ministre' a ɛhyɛaseɛ wɔ Latin kasamu , ɛwɔ Latin kasa mu Mansoafoɔ kyerɛ sɛ ɔsomfoɔ, obi a ɔhwɛ nhwɛ nnipa wɔ biribi ho, a wɔyi firii asɛmfua 'minus' mu a ɛkyerɛ "less"[6].

Ɛwɔ aman wɔde Mansoafoɔ nhyehyɛeɛ bu ɔman te sɛ United Kingdom ne Australia no Mansoafoɔ anaa diberɛ a ɔte saa no wɔyi wɔfiri mmrahyɛbadwafie ɛtaa yɛ amanyɔkuo a ɛwɔ Dɔm Kɛseɛ wɔ mmrahyɛbadwafie ketewa no mu. Ɛwɔ aman foforɔ bi mmrahyɛbadwa dwumadie ne Ɔmanpanin dwumadie no ntetemu kɛseɛ wɔ mu no te sɛ Belgium, Mexico, Netherlands, Philippines, ne United States no Mansoafoɔ ntumi nsane nyɛ mmrahyɛbadwani bere korɔ no ara mu, sɛ wɔ paw mmrahyɛbadwani bi sɛ Mansoafoɔ a gye sɛ ɔde ne mmrahyɛbadwa dwumadie no to hɔ ansa na wɔabɛyɛ Mansoafoɔ no.

Ɛtaa ba sɛ Amanyɔkuo a ɛwɔ Dɔm kɛseɛ no mu panin no na ɔbɛyɛ Mansoafoɔ anaa deɛ ɛte sa. Ɛwɔ Mansoafoɔ amammuo mu no, Mansoafoɔ no toa so gyina wɔn Mansini anan mu wɔ mmrahyɛbadwafie bere a wɔsane nso ka amammuo no ho. Wɔtaa paw obi firi abɔntene a na ɛyɛ sɛ onipa no de ne nimdeɛ rebɛboa amammuo no. Saa Nnipa ɛnyɛ sɛ wɔbɛyɛ mmrahyɛbadwani ansa na wasom sɛ Mansoafoɔ anaa sɛ ɔbɛyɛ amanyɔkuoni ansa na wasom aban no.

Ɛwɔ United Kingdom no , anyɛ nhyɛ sɛ Mansoafoɔ yɛ mmrahyɛbadwani. Nso sɛ wokɔ mu pa ara ɛwɔ sɛ Mansoafoɔ yɛ mmrahyɛbadwani wɔn 'House of Commons anaa House of Lords' sɛdeɛ ɛbɛyɛ na watumi abu akonta wɔ mmrahyɛbadwafie. Berɛ ano berɛ no, Mansoafoɔ panin paw wɔn a wɔnnyɛ mmrahyɛbadwafoɔ sɛ Mansoafoɔ. Mfeɛ kakra a atwam yi wɔyi Mansoafoɔ firi mmrahyɛbadwafie a wɔfrɛ no 'House of Lords'[7].

Mansoafoɔ Ahodoɔ[sesa]

Aman ahodoɔ te asoaeɛ te sɛ 'Cabinets'.

  • Asoaeɛ ahodoɔ a wɔ paw Mansoafoɔ to ano.
  • Aworokakya Mansoafoɔ
  • Nkitahodie Mansoafoɔ
  • Culture minister
  • Banbɔ ho Mansoafoɔ
  • Anyinam ahoɔden Mansoafoɔ
  • Mmabunu ne agodie Mansoafo
  • Nkratoɔ Mansoafoɔ

Beaeɛ Menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "Archive copy". Archived from the original on 2018-12-26. Retrieved 2022-07-30.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. https://www.collinsdictionary.com/es/diccionario/ingles/minister
  3. https://wetten.overheid.nl/BWBR0001840/2018-12-21
  4. 4.0 4.1 "Real bridge-builder became Finland's first female government minister - thisisFINLAND". thisisFINLAND (in American English). 2017-09-29. Retrieved 2017-10-01.
  5. Korppi-Tommola, Aura (2016), Miina Sillanpää - edelläkävijä, Helsinki: Suomen kirjallisuuden seura, ISBN 978-952-222-724-9
  6. https://dictionary.reference.com/browse/minister
  7. https://researchbriefings.parliament.uk/ResearchBriefing/Summary/SN05226