James Kwame Bebaako Mensah

Ɛfi Wikipedia
James Kwame Bebaako Mensah
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameJames Sesa
date of birth11 Obubuo 1941 Sesa
place of birthKete Krachi Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa

James Kwame Bebaako Mensah (wɔwoo no Ɔpɛpɔn 11, 1941 wɔ Kete Krachi ) yɛ Ghana ɔman nanmusifo.[1][2]

Adwuma[sesa]

Mensah nyaa abodin krataa wɔ amammuisɛm mu wɔ Ghana Sukuupɔn mu wɔ afe 1965 mu. Afe akyi no, onyaa Diploma of Public Administration fii Ghana Institute of Management and Public Administration. Wɔde Certificate of Management in the Public Service a efi Ghana Armed Forces Staff School a ɛwɔ Teshie no maa no wɔ afe 1991 mu. Ɔbɛyɛɛ Winneba Mantam no sohwɛfoɔ wɔ afe 1967 mu, na ɔdii n’anim kɔsii afe 1972. Afei ɔyɛɛ adwuma sɛ adwumayɛfoɔ sohwɛfoɔ bio, saa berɛ yi wɔ Keta mantam mu Ɔyɛɛ adwuma wɔ Ministry of Transport fi afe 1974 kosi 1978. Wɔpaw no sɛ Ɔkyerɛwfo Panyin wɔ Ministry of Local Government and Social Economy fi 1978 kosi 1980. Na ɔyɛ ɔpanyin wɔ atifi fam mantam sohwɛ mu fi 1987 kosi 1991, na ɛno akyi no otu kɔɔ ɔmantam sohwɛ mu wɔ Volta kosii 1993. Na ɔyɛ dwumadibea panyin wɔ Aguadi ne Nnwuma Dwumadibea fi 1991 kosi 1993, [3]ne dwumadibea no panyin wɔ Adwumayɛ ne Asetra mu Nsɛm Dwumadibea no mu kosii 1997[4]. Wɔ afe 1997 mu no, wɔmaa no dibea sɛ Ɔmampanyin wɔ Ghana Ɔmanpanyin adwumayɛbea sohwɛfo, na ɔdii dwuma kosii afe 2001. Wɔ afe 2009 mu no ɔbɛyɛɛ Ɔmanpanyin no Ɔkyerɛwfo. Ɛduruu December 20, 2013 no, ɔno ne Ghana Ɔnanmusifoɔ a ɔdi kan wɔ Ahennie Kronkron no so , a ɔwɔ Rome.

Mfitiase asetra[sesa]

James Bebaako Mansah aware na ɔwɔ mma baanum.

  1. Sir Bebaako Mensah appointed first envoy to the Vatican (in English), 2013-05-22, retrieved 2023-12-04
  2. Peace FM Online, Sir Bebaako Mensah Appointed First Envoy To The Vatican, retrieved 2023-12-04
  3. Ghana-Holy see diplomatic ties - New frontiers and future perspectives
  4. James Kwame Mensah | PennIUR, retrieved 2023-11-26