Isaac Kwadwo Adjei Mensah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Isaac Adjei Mensah
Member of the Ghana Parliament
for Wassa East Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2013
OdikanfoConstituency split
Ne ho asɛm
Awo bere26 March 1963 (1963-03-26) (age 61)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress

Isaac Adjei Mensah yɛ Ghanani amanyɔni sane yɛ mmarahyɛbadwani a ɔka mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson no ho wɔ Ghana na ɔgyina amanfoɔ a ɔwɔ Wassa East batoɔ mpasoa so Atɔeɛ mantam mu wɔ NDC amanyɔ kuo no din mu.[1]

Abrabɔ ahyaseɛ ne nwomasua Wɔwoo Isaac Adjei Mensah wɔ Benada Ɔbɛnem bosome ne da a ɛtɔ so aduonu nsia afe apem ahankron aduosia mmiɛnsa mu (Ɔbɛnem 26,1963). Ɔfiri Dompim naba 1, kuro ɛwɔ Apueeɛ mantam mu wɔ Ghana. Ɔkɔɔ suapɔn wɔ University of Ghana wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe nwɔtwe(1988) Ɛna ɔnyaa abɔdin krataa wɔ bakyera degree wɔ Sociology afe apem ahankron aduokron nkron (1991). Afei ɔkɔ toa so wɔ Tromsø suapɔn mu, Norway wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu (1992) wɔ masta degree mu. Ɔgraduate wɔ afe ahankron aduokron nson (1997) wɔ MBA in Public Policy.[2][3][4][5]

Adwuma

Ansana ɔbɛyɛ amanyɔni no, na Isaac yɛ Mantam nipa nketahodie kwankyerɛfoɔ panin ma Newmont adwumakuo wɔ Ghana firi afe mpem mmienu ne nsia kɔpem du- mmienu (2006 - 2012).[6][7]

Amanyɔ

Isaac Adjei Mensah ka National Democratic Congress (NDC) amanyɔ kuo ho.[8] Wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu (2012), Ɔgyina wɔ Wassa East abatoɔ mpasoa so wɔ NDC amanyɔ kuo din mu na ɔdii nkunim. Ɔsane dii nkunim bio wɔ 2016 abatoɔ mu gyina hɔ ma Wassa East amanfoɔ din mu mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson wɔ fourth republic. Wɔ mmarahyɛbadwamu no na ɔka akuo akuo ahodoɔ no mu bias, ebi ne nwomasua, adan ne sika ntotoeɛ abadwa kuo ho.[9][10]

Nankasa abrabɔ

Waware awo mma baanum sane yɛ kristoni a ɔka Pentecost asafo no ho.[11][12][13][14]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

  1. "Ghana MPs - List of MPs". www.ghanamps.com. Retrieved 2019-02-15.
  2. "Ghana MPs - List of MPs". www.ghanamps.com. Retrieved 2019-02-15.
  3. "HON. ISAAC ADJEI MENSAH". Parliament of Ghana. Retrieved 27 January 2020.
  4. "Member of Parliament Isaac Adjei Mensah". Ghana Web. Retrieved 27 January 2020.
  5. "HON. ISAAC ADJEI MENSAH". UKGCC. Archived from the original on 27 April 2019. Retrieved 27 January 2020.
  6. "Ghana MPs - List of MPs". www.ghanamps.com. Retrieved 2019-02-15.
  7. "Member of Parliament Isaac Adjei Mensah". Ghana Web. Retrieved 27 January 2020.
  8. "HON. ISAAC ADJEI MENSAH". Parliament of Ghana. Retrieved 27 January 2020.
  9. "Ghana MPs - List of MPs". www.ghanamps.com. Retrieved 2019-02-15.
  10. "Member of Parliament Isaac Adjei Mensah". Ghana Web. Retrieved 27 January 2020.
  11. "Ghana MPs - List of MPs". www.ghanamps.com. Retrieved 2019-02-15.
  12. "HON. ISAAC ADJEI MENSAH". Parliament of Ghana. Retrieved 27 January 2020.
  13. "Member of Parliament Isaac Adjei Mensah". Ghana Web. Retrieved 27 January 2020.
  14. "HON. ISAAC ADJEI MENSAH". UKGCC. Archived from the original on 27 April 2019. Retrieved 27 January 2020.