Helen Adjoa Ntoso

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Helen Adjoa Ntoso
MP
Member of the Ghana Parliament
for Krachi West
Mprenpren
Bere
Jan 2009
Regional Minister for the Volta Region
Bere
2013–2017
ƆmanpanyinJohn Dramani Mahama
Ne ho asɛm
Awo bere
Helen Adjoa Ntoso

February 1958 (age 66)
Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNDC
Sukuu a w'akɔKofi Annan International Peacekeeping Training Centre
CabinetMinister
CommitteesGender and Children Committee Defence and Interior Committee

Helen Adjoa Ntoso (wɔwoo no Ɔpɛpɔn 1958) yɛ Ghana amannyɔni na ɔyɛ Ghana mmarahyɛbadwani ma Krachi West mansini a ɛwɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana. Ɔyɛ kyiniiɛ amannyɔkuo NDC no mu nipa.[1] Awyraa Ntoso yɛ kane mantam soafoɔ a ɔhwɛɛ Volta Mantam no so.[2]

Mfitiaseɛ asetea ne nwomasua[sesa]

Ntoso firi Kete Krachi wɔ saa bere no Volta Mantam mu nanso mprempren Oti Mantam mu.[1] ɔwiee ne ntoasoɔ sukuu akyi adesua wɔ St Francis Training College. Ɔwɔ Advanced Diploma wɔ Nwomasua mu wɔ Lambeth College a ɛwɔ London. Ɔsan nso wɔ Master of Arts wɔ Ntawantawadie mu Asomdwoe ne Ahobammɔ mu wɔ Kofi Annan Amanaman Ntam Asomdwoe Nteteɛbea.[1]

Adwuma[sesa]

Na ɔyɛ Senior Child Care ɔhwɛfoɔ wɔ Elizabeth Hamwod Nursery School firi afe 2005 kɔsi afe 2007. Na ɔyɛ Ɔsɛmpatrɛni ma Bright Church Army firi afe 2003 kɔsi afe 2005.[1] Ɔsan nso yɛ Adwumayɛ ho Ɔkwankyerɛfoɔ wɔ NADMO 2009 kɔsi 2012.[1]

Amammui mu adwuma[sesa]

Ɔyɛɛ mantam soafoɔ firi afe 2013 kɔsii afe 2016 (Ɔmampanyin no Dwumadibea). Ɔyɛɛ Volta Mantam Soafoɔ wɔ afe 2015 mu.

Abasobɔde ahorow[sesa]

Helen Ntoso nyaa abasobɔdeɛ sɛ Ɔmantam Ɔsoafoɔ a ɔdi mu wɔ afe 2015 mu, a West African International Magazine hyehyɛeɛ.[3]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 Ghana MPs - MP Details - Ntoso, Adjoa Helen, 2013-02-21, archived from the original on 2013-02-21, retrieved 2023-10-01
  2. President Mahama nominates Helen Ntoso as Volta Regional Minister | watch listen to ghana news on tv live online, 2014-05-15, archived from the original on 2014-05-15, retrieved 2023-10-01
  3. Kojo Akoto Boateng (2016-02-01), Volta Regional Minister adjudged minister of the year (in American English), retrieved 2023-10-01