Hawa Yakubu

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Hawa Yakubu Ogede
Member of the Ghana Parliament
for Bawku Central (Ghana parliament constituency)
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
OdikanfoFati Seidu
AnanmusiniMahama Ayariga
Ɛdɔm keseɛ874
Bere
7 January 1993 – 6 January 1997
OdikanfoConstituency merged
AnanmusiniFati Seidu
Ne ho asɛm
Awo bere24 March 1948
Tarkwa, Ghana
Owu bereMarch 20, 2007(2007-03-20) (aged 58)
London, England
Ne manGhana Ghanaian
AmanyɔkuoIndependent - 1993–1996
New Patriotic Party - 1996–2007

Hawa Yakubu Ogede (Wɔ woo no wɔ March da ɛto so 24, afe 1948, owui March da ɛtɔ 9, afe 2007) yɛ kane Ghanani amanyɔni. Na ɔyɛ mmarahyɛ baguani wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu na na a ɔyɛ soafo a ɔhwɛ nsrahwɛ so.

Wɔ woo Hawa Yakubu wɔ Trakwa a ewɔ Atɔe Mantam mu wɔ Ghana. Ne kuro mu din de Pusiga a ɛwɔ Atifi apuei Mantam.

Hawa Yakubu ye abusuakuo a ɛde Bisa mu ni na oka won a wɔhyehyɛɛ afehyɛ a w’ato Zekula afahyɛ no.

Owui wɔ London a ɛwɔ England bre a onyaa kokoram yaree no.

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔ afe 1979, wɔpaw no maa no kogyina wɔ ne manfo anan mu wɔ mmarahyɛ bagua a ɛboa maa wɔkyerɛw Ghana ɔmanmara no wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so miɛnsa. Yakubu guanee kɔɔ London ne Nigeria bre a aban tuguo no baa wɔ afe 1981, maa no tenaa London kosii afe 1991. Wɔ saa afe no mu, Yakubu san n’akyi baa Ghana maa no kɔpree mmarahyɛ bagua no wɔ Bawku mansin no, odii nkunim ɛmfa ho sɛ ɔperee sɛ kwantenkorɔ no. Odii nkuguo akyire wɔ kwan ntease nnim ma noo tuu kwan kɔɔ Cotonou a ɛwɔ Benin kosii afe afe 2000 mu. Wɔ afe 2000 mu no, ɔsan n’akyi baa Ghana maa no begyee agua no biom. Wɔ afe 2001 ne 2002 mu no, manpanyin John Kufour paw no se Soafo a ɔhwe nsrahwe so. Ɔsan nso soom wɔ saa bre koro no ara mu sɛ ananmusifo wɔ Economic Community of West African States (ECOWAS) mmarahyɛ bagua no mu. Yakubu dii nkuguo wɔ afe 2004 mu. Bre a owui wɔ afe 2007 mu no, na amaneɛbɔ kyere sɛ w’anaya kokoram nan a ogye ayaresa wɔ London ne South Africa.

Ogyaa mmɔfra miɛnsa a wɔn ne Derek Ayebo a ɔwoo no wɔ n’awaree a edikan no mu, ne Amanda ne Didi a ɔwoo wɔn wɔ n’awaree a ɛtɔ so miɛnu no mu.

Nkekaho[sesa]