Gladys Casley-Hayford

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Gladys Casley-Hayford
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipSierra Leone Colony and Protectorate Sesa
birth nameGladys May Casely-Hayford Sesa
given nameGladys, May Sesa
pseudonymAquah Laluah Sesa
date of birth11 Kotonimma 1904 Sesa
place of birthAxim Sesa
date of deathAhinime 1950 Sesa
place of deathNkran Sesa
manner of deathnatural causes Sesa
cause of deathblackwater fever Sesa
fatherJ. E. Casely Hayford Sesa
maamɛAdelaide Casely-Hayford Sesa
siblingArchie Casely-Hayford Sesa
native languageEnglish Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Fante Sesa
occupationwriter, poet Sesa
personal pronounL484 Sesa

Gladys May Casely-Hayford a wɔtaa frɛ no Awuah Laluah(Kɔtɔnimaa bosome da a ɛtɔ so du baako wɔ afe apem ahankron ne nan mu dekɔ ahinime bosome wɔ afe apem ahankron ne aduonum mu) yɛ obi a wɔwoo no wɔ sika mpoano na ɔyɛ Sierra Leone ɔtwerɛfoɔ. Wagye no atom sɛ ɔnone ɔtwerɛfoɔ a ɔdikan twerɛɛ wɔ krio kasa mu.

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Gladys too Casely-Hayford abusua a ɛwɔ Axim, Gold Coastkɔtonimaa bosome da a ɛtɔ so du baako wɔ afe apem ahankron ne nan mu. Wɔ ne mmɔfra berɛ mu no na wɔfrɛ no Acquah Laluah, na nnwoma akenkan ho paa, na ɔdii mfeɛ nson na ɔsɛe Charles Kingsley. Na ɔtumi to dwom, sa, na ɔtwerɛ anwonsɛm wɔ ne mmɔfra berɛ mu. Ɛnam ne nteteeɛ pa mu no nti na ɔtumi ka borɔfa kasa, creole ne Fante kasa yie(a ɛyɛ ne papa kasa). Ɔkɔɔ ne mmɔtafowa ne ne ntoasoɔ sukuu wɔ Gold Coast [1]nanso ɛnam n'apomuden nsɛm nti wɔde no kɔɔ England na ɔkɔɔ sukuu wɔ Europe, [2]a Penrhos College,Colwyn Bay a ɛwɔ wales ka ho, na ɔne nnwomkuo bi a wɔfrɛ no Berlin Jazz tuu kwan sɛ obi a ɔsa.[1] Ɔsane kɔɔ US nso.[2] Ɛnam sɛ na nnoɔma nkɔ yie mma no wɔ afe apem ahankron ne aduasa mmienu nti no, [3]na ɛwɔ sɛ ɔba fie. Ɔbaa abibiman mu no, ɔkyerɛɛ adeɛ wɔ Girls Vocational sukuu a na ɛwɔ Freetown, Sierra Leone, a na ɔmaame Adelaide Casely-Hayford na ɛda ano.

N'abrabɔ ne adwuma[sesa]

Acquah Laluah waree Arthur Hunter.[3] Wɔ sukuu mu no ɔkyerɛɛ abibirem anansesɛm ne kasadwini. Na ɔnim n'abibirem ho nsɛnsɛm nti,ɔdii anwonsɛm da a 'Rejoice' ne "Nativity" ka ho. Ɛwɔm sɛ ɛnnyɛ n'anwonsɛm no nyinaa na wɔdaa no adi maa amansan hunuui wɔ ne pɛn so, ɛnyɛ n'anwonsɛm no nyinaa na wɔboa ano wɔ afe apem ahankron ne aduosia mu. [2]Anwonsɛm bi te sɛ "Nativity" wɔ afe apem ahankron ne aduonu nson, "The Serving Girl' wɔ afe apem ahankron ne aduanan baako ne "creation" wɔ afe apem ahankron ne aduonu nsia, na wɔkabom; atwerɛfoɔ a wɔfiri Harlem Renaissance anigyee n'adwuma no ho.[4]

Ne wuo[sesa]

Gladys Casely Hayford tenaa Freetown, Sierra Leone pii wɔ n'asetena mu. Ɔtu kɔɔ Nkran beaɛ a ne papa abusuafoɔ te, ɛna ɛhɔ na ɔnyaa blackwater Fever a ɔwui wɔ afe apem ahankron ne aduonum.[3]

Adwuma[sesa]

  • Take'Um So, wɔ afe apem ahankron ne aduanan nnwɔtwe (1948)(anwonsɛm)

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 https://en.wikipedia.org/wiki/Frank_Chipasula
  2. 2.0 2.1 2.2 Killam, Douglas; Kerfoot, Alicia L., eds. (2008). "Casely-Hayford, Gladys (1904-1950)". Student Encyclopedia of African Literature. Westport: Greenwood. pp. 79–80. ISBN 9780313335808
  3. 3.0 3.1 3.2 http://www.encyclopedia.com/women/encyclopedias-almanacs-transcripts-and-maps/casely-hayford-gladys-1904-1950
  4. See Countee Cullen, ed., Caroling Dusk: An Anthology of Verse by Negro Poets, 1927; Langston Hughes, ed., Poetry of the Negro World, 1949; African Treasury, 1960; Poems from Black Africa, 1963; Langston Hughes and Christiane Reyngault, eds, Anthologie Africaine et Malgache, 1962; Margaret Busby, ed., Daughters of Africa, 1992.