George William Amponsah
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon. George William Amponsah | |
|---|---|
| Member of Parliament for Asunafo South Constituency | |
| Bere 7 January 2001 – 6 January 2005 | |
| Ɔmanpanyin | John Kufuor |
| Ne ho asɛm | |
| Awo bere | 23rd October 1965 Asutifi in Ashanti Region |
| Ne man | Ghanaian |
| Amanyɔkuo | New Patriotic Party |
| Mma | six 6 |
| N'adwuma | Politician |
George William Amponsah yɛ Ghana amanyɔni a na ɔyɛ Ghana Mmarahyɛbadwani de ma Asunafo Anaafoɔfam abatoɔ mpɛsoa no so (Asunafo South Constituency) wɔ akanee no Bono ne Ahafo mantam no mu a ɛnnɛ yi ɛno ne Bono mantam mu (Brong Ahafo Region) wɔ Ghana. Na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani a na ɔka Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu.(the 3rd parliament of the 4th republic of Ghana).
Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne Sukuu
[sesa]Amponsah yɛ Ghana Mmarahyɛbadwani a na ɔgyina hɔ ma Asuafo Anaafoɔfam abatoɔ mpɛsoaso.Wɔn woo no wɔ ɛyɛ Ahinime bosome no ne da a ɛtoso aduonu-mmiensa wɔ mfie apem ahankron ne aduisia-num (23ed October,1965). Wɔn woo no wɔ kuro a yɛ frɛ no Asutifi a ɛwɔ Asante mantam no mu. Abɔdin krataa a ɛkura no ne (tescher's Certificate "A") akyerɛkyerɛfoɔ abɔdin krataa a ɛdikan.[1]
Amanyɔsɛm
[sesa]Amponsah yɛ Mmarahyɛbadwani a ɔfiri New Patroitic Party NPP amanyɔkuo no mu. Wɔn too aba yii no sɛ Mmarahyɛbadwani a ɔgyina hɔ ma Asuafo Anaafoɔfam abatoɔ mpɛsoaso (Asuafo South Constituency) wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu (Brong Ahafo Region) wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu (3rd Parliament in the 4th Republic of Ghana). Eric Opoku a ɔfiri National Democratic Congress NDC amanyɔkuo no mu na ɛbɛ dii n'adeɛ wɔ mfie mpem mmienu ne nan Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ no mu (2004 Ghanaian General Elections).[2]
Abatoɔ
[sesa]Amponsah wɔn too aba yii no sɛ Mmarahyɛbadwani de maa Asunafo Anaafoɔfam abatoɔ mpɛsoaso wɔ mfie mpem mmienu abatoɔ no mu (2000 Ghanaian general elections).[2] Wɔn too aba yii no sɛ Mmarahyɛbadwani wɔ New Patroitic Party(NPP) amanyɔkuo no tumi krataa so.[2] Ne mpɛsoa no so no ka mmarahyɛbadwam nkonwa du-nan(14) a New Patroitic Party(NPP) amanyɔkuo no mu nyaa de firii ɛyɛ mmarahyɛbadwam nkonwa aduonu-baako (21)no mu wɔ saa abatoɔ no mu wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu.[2][3][4] Ɛyɛ New Patroitic Party(NPP) amanyɔkuo no nyaa mmarahyɛbadwam nkonwa no dodoɔ,wɔn nyaa mmarahyɛbadwam nkonwa no mu ɔha (100) de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aha-mmienu (200)no mu wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu.[2] Wɔn de mma mpem du, aha-nson ne aduokron-mmienu (10,792) na ɛyii no na onyaa saa mma yi de firii ɛyɛ mma mpem aduonu-baako, aha-num ne aduonu-nan (21,524) wɔ mma a wɔn tooeɛ na wɔn gye too mu no nyinaa mu. Waei ne ɔha mu susupɛn bɛyɛ ɔha nkyekyemu aduonum ne akyiripɔ nkron (50.9%) na ɛyɛ pɛ wɔ mma a wɔn tooeɛ na wɔn gye too mu no nyinaa mu.[5] Wɔn too aba yii no sɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn a ɛdidisoɔ yi so
Francis Adu a na ɔfiri the National Democratic Congress NDC amanyɔkuo no mu, Yaw Ohene a na ɔno nso firi ɛyɛ Convention People's Party CPP amanyɔkuo no mu ɛne Twumasi Ankra a na ɔno nso firi ɛyɛ National Reform Party NRP amanyɔkuo no mu.[2][5] Nea ɛdidisoɔ yi ne mma a wɔn nyaaeɛ wɔ abatoɔ no mu,mpem nwɔtwe, aha-nwɔtwe ne du-nsia, (8,816) apem ne aha-mmiensa (1,300)ɛne aha-mmienu ne aduokron-nsia (296). Waei ne ɔha mu susupɛn a edidisoɔ yi na ɛyɛ pɛ, ɔha nkyekyemu aduanan-baako ne akyiripɔ nsia, (41.6%), ɔha nkyekyemu nsia ne akyiripɔ baako (6.1%) ɛne ɔha nkyekyemu baako ne akyiripɔ nan (1.4%) wɔ mma a wɔn tooeɛ na wɔn gye too mu no nyinaa mu.[2][5]
Ankorankoreɛ Abrabɔ
[sesa]Amponsah yɛ ɔkristoni.[1] na ɔyɛ warefoɔ a ɔwɔ mma nsia.
Bea me nyaa mmoa firiieɛ
[sesa]- ↑ 1.0 1.1 Amponsah, George William (in American English), retrieved 2022-09-22
- ↑ 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 2.5 2.6 "George William Amponsah", Wikipedia (in English), 2021-01-12, retrieved 2022-09-21
- ↑ Mahler, Gustav, 1860-1911, composer., Symphony no. 4, OCLC 1335595179, retrieved 2022-09-21
{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link) - ↑ Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Brong Ahafo Region, archived from the original on 2022-09-22, retrieved 2022-09-21
- ↑ 5.0 5.1 5.2 Tchaikovsky, Peter Ilich, 1840-1893, composer., Symphony no. 6 in B minor, op. 74 : "Pathetique", OCLC 1299233727, retrieved 2022-09-21
{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)