George Loh

Ɛfi Wikipedia

George Loh yɛ mmarahyɛbadwani ma North Dayi wɔ Volta mantam mu wɔ Ghana.[1]Mprempren ɔyɛ Volta Mantam dwamtenani abadiakyire wɔ kyiniiɛ amanyɔkuo( National Democratic Congress).[2]

N'abrabɔ[sesa]

Loh aware wɔ ba baako. Ɔyɛ kristoni (Evangelical Presbyterian).

Abrabɔ ahyɛase ne nnwomasua[sesa]

Wɔwoo Loh wɔ Kitawonsa bosome da a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ afe apem ahankron ne aduoson mmienu(1972) mu wɔ Anfoega a ɛwɔ Volta mantam mu. Ɔnyaa LLB nnwomasua abasobɔdeɛ wɔ University of Ghana wɔ mfeɛ mpem mmienu ne num mu(2005). Ɔnyaa ne BL wɔ mmara nnwomasua wɔ Ghana School of Law wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nson (2007) mu, Ghana.

Amanyɔsɛm[sesa]

Loh yɛ National Democratic Congress(NDC) kuo no mu nipa. Na ɔka ekuo a wɔpaw a ɛyɛ mmarahyɛ, deɛ ɛwɔ mmara mu ne mmarahyɛbadwam ho nsɛm, ne Amansan sikasɛm.

Adwuma[sesa]

Na ɔyɛ ɔhokafoɔ wɔ Oak House ne Wuuda wɔ Nkran sɛ mmaranimfoɔ ɔtumi de asɛm wɔ asɛnnibea ne mmaranimfoɔ a ɔntumi nni asɛm wɔ asɛnnibea firi mfeɛ 2012.[3] Ɔyɛ Hayibor, Djarbeng ne Company no Mfɛfoɔ firi afe 2007 kɔsi afe 2012.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  2. Purge National Security of untrained party boys – George Loh (in American English), 2021-05-14, retrieved 2023-10-01
  3. Loh, George (in American English), retrieved 2023-10-01