George Charles Quaynor-Mettle

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

George Charles Quaynor-Mettle About this soundpronounciation of "George Charles Quaynor-Mettle" yɔ amanyɔni ne ɔkyerɛkyerɛni wɔ Ghana.

Berɛ a Aban a ɛtɔ so nnan no bɛdii ɔman yi so no, na ɔsom sɛ mmarahyɛbedwanii wɔ Ablekuma South abatoɔ mpɛsoa so wɔ Nkran Mantam mu wɔ Ghana.[1]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nnwomasua.[sesa]

Wɔwoo Quaynor-Mettle Ahinime 07, 1955 mu. Afei, ɔkɔgyee abodin Bachelor of Arts wɔ Ghana suapɔn no mu (University of Ghana).[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Berɛ wɔreto aba ama mmarahyɛbedwafoɔ wɔ afe 1992 mu no, wɔto maa Quaynor-Mettle sɛ National Democratic Congress mmarahyɛbedwani wɔ Aban a ɛtɔ so nnan no bɛdii Ghana so no ase. Wɔresan ato aba wɔ afe 1996 mu no, Owurayere Theresa Amerley Tagoe a ɔgyinaa mu maa (New Patriotic Party) saa berɛ no bɛtuu no firii adeɛ so. Owurayere yi tumi nyaa aba dodoɔ a wɔtoeɛ no mu 39.90%, a ɛkyerɛ sɛ, nnipa mpem aduanuan ahansia aduanan-nan (47,644) na wɔto maa no. Ɛno maa ɔtumi dii Ebo Hawkson a ɔnyaa mma no mu 35.70%, a ɛkyerɛ sɛ, nnipa mpem aduanan mmienu ahanum aduosia-nwɔtwe (42,568) na wɔto maa no, a ɔgyinaa mu maa (National Democratic Congress) no so nkunim. Bio, ɔsan tuu Isaac Ashong Okai a ɔnyaa mma no mu 1.90%, a ɛkyerɛ sɛ nnipa mpem mmienu, ahanu aduɔson-num ( 2,275) na wɔto maa no a ɔno nso gyinaa mu maa Convention People's Party, Samuel Addo Benlee Brown a ɔnyaa mma no mu maa People's National Convention a ɔno nso nyaa mma no mu 1.10%, a ɛkyerɛ apem ahanu aduɔson-nwɔtwe (1,278) ne Seth Markwei Commodore a ɔno nso gyinaa mu maa National Convention Party a ɔnyaa mma no mu 1.00% a ɛkyerɛ sɛ nnipa apem ahanu aduonu-mmienu (1,220) na wɔto maa no no so nkunim.[3] [4]

Baasonkuo a wɔyɛɛ wɔhyehyɛɛ ekuo a wɔfrɛ no National Commission for Civic Education (NCCE) no, na ɔka ho bi. [5]

N'abrabɔ[sesa]

Na ɔyɛ Kristoni.[6]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://en.wikipedia.org/wiki/George_Charles_Quaynor-Mettle#cite_note-1
  2. https://en.wikipedia.org/wiki/George_Charles_Quaynor-Mettle#cite_note-2
  3. https://en.wikipedia.org/wiki/George_Charles_Quaynor-Mettle#cite_note-2
  4. https://en.wikipedia.org/wiki/George_Charles_Quaynor-Mettle#cite_note-4
  5. https://en.wikipedia.org/wiki/George_Charles_Quaynor-Mettle#cite_note-5
  6. https://en.wikipedia.org/wiki/George_Charles_Quaynor-Mettle#cite_note-6