Gabriel Edoe Kumordji

Ɛfi Wikipedia
Gabriel Edoe Kumordji
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameGabriel Sesa
date of birth24 Ɔbɛnem 1956 Sesa
place of birthNkran Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationCatholic priest, Catholic bishop Sesa
position helddiocesan bishop, titular bishop, vicar apostolic Sesa
religion or worldviewCatholic Church Sesa
religious orderDivine Word Missionaries Sesa
consecratorLéon Kalenga Badikebele, Charles G. Palmer-Buckle, Vincent Sowah Boi-Nai Sesa

Ɔsɔfopɔn Gabriel Edoe Kumordji, SVD a wɔwoo no wɔ Oforisuo 24, 1956 wɔ Amamomo wɔ Odododio Mantam mu wɔ Accra, ne maame ne Awuraa Severina Tsotsoo Kumordji na ne papa nso ne Leonard David Kumordji a wɔn nyinaa wɔ nhyira nkaeɛ.[1]

Ɔbra Ahyɛaseɛ[sesa]

Na ɔwɔ ne mfitiase sukuu wɔ Amamomo (2) Mfitiase Sukuu ne Sacred Heart Parish Mfitiase Sukuu a ɛwɔ Korle-Worko,[2] Accra, ne mfinimfini sukuu wɔ Mamprobi Sempe 7 wɔ Mamprobi wɔ Accra. Ɔnyaa ne ntoaso sukuu adesua wɔ St. Thomas Aquinas Ntoaso Sukuu a ɛwɔ Accra. Ɔhyɛɛ n’asɔfoɔ nhyehyɛeɛ ase wɔ afe 1976 mu wɔ St. Victor’s Major Seminary wɔ Tamale na ɔyɛɛ ne Nyamesom adwuma a ɛdi kan wɔ September 8, 1980 wɔ St. George’s Parish – Koforidua. Ɔkaa ne Ntam a Etwa To wɔ September 8, 1984 wɔ Sacred Heart Parish a ɛwɔ Derby Avenue wɔ Accra. Ɔsɔfo Panyin Dominic Andoh, Ɔsɔfo Panyin a wɔagyae adwuma wɔ Accra na ɔhyɛɛ no sɔfo wɔ July 14, 1985 wɔ Honhom Kronkron Asɔredan Kɛse a ɛwɔ Accra no mu.

Nwomasua[sesa]

Ɔsɔfo Gabriel Kumordji dodow no ara somm sɛ Ɔsɔfo Boafo fi 1985-1989 wɔ St Augustine Parish, Asesewa wɔ Apuei Fam Mantam mu. Ná ɛyɛ Accra Asɔredan a na ɛwɔ hɔ saa bere no fa. Na ɔyɛ St Maria Goretti Parish Pastor wɔ Battor wɔ afe 1989- 1991. Ɔkɔɔ adesua wɔ Loyola Sukuupɔn mu wɔ Chicago, USA fi afe 1991 kosi 1993, faako a onyaa Masters wɔ Ahwɛfo Adesua mu ne Post Graduate Certificate wɔ Nyamesom Nhyehyɛe mu wɔ St. Louis Sukuupɔn mu wɔ Missouri mu. Bere a ɔsan baa Ghana wɔ afe 1993 mu no, wɔpaw no sɛ Prefect of SVD Seminarians ne ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Pastoral Theology, Homiletic, Pastoral Counseling, ne Missiology mu wɔ St. Victor’s Major Seminary a ɛwɔ Tamale fi afe 1993 kosi afe 2001.

Ɔsan kɔɔ Los Angeles kɔsuaa adeɛ firi afe 2001 kɔsi afe 2005, faako a ɔnyaa Master’s Degree ne PhD wɔ Amammerɛ Ntam Adesua mu wɔ Fuller Nyamekyerɛ Sukuu a ɛwɔ Pasadena, California.

Wɔ June 22, 2005 no, wɔpaw Ɔsɔfo Panyin Gabriel Edoe Kumordji, SVD na wɔpaw no sɛ Ghana Mantam Panyin a ɔhwɛ Ɔsoro Asɛm Asɛmpatrɛwfo (SVD) so. Wɔ 12th June 2007 mu no, Agya Kronkron, Pope Benedict XVI paw no sɛ Asomafoɔ Prefect wɔ Donkorkrom. Ansa na wɔrepaw no sɛ Apostolic Prefect no, na ɔyɛ Conference of Major Superiors’ of Religious Men no Titenani wɔ Ghana.

N'adwumayɛ[sesa]

Wɔ 19th February 2007 mu no wɔpaw no sɛ Apostolic Vicar of Donkorkrom Apostolic Vicariate a ɔwɔ Asɔre suban na wɔhyɛɛ no sɔfo wɔ 19th April 2007 wɔ Donkorkrom. Sɛ́ Ghana Asɔfopɔn Nhyiam no muni no, ɔyɛɛ PMS, Asɔfo ne Nyamesom mu Episcopal guamtrani. Seesei ɔyɛ Episcopal co-chairman wɔ Laity Council a ɛwɔ Ghana no mu. Most Rev. Gabriel Edoe Kumordji, SVD yɛ Quality Insurance Company (QIC) no Boayikuo guamtrani ne Quality Life Assurance Company (QLAC)[1] no Boayikuo no muni. Ɔyɛ Episcopal Chairman wɔ Ghana Bishops’ Conference strategic Investment Department ne Sikasɛm Boayikuo a ɛwɔ Ghana Bishops’ Conference no guamtrani. Ɔyɛ Katolek Suapɔn Kɔlege a ɛwɔ Fiapre a ɛwɔ Sunyani no Aban Bagua no muni na ɔyɛ Ghana Katolekfoɔ CEO ne Adwumayɛfoɔ Nhyiamu no muni a ɔhyehyɛɛ no.

Wɔ Oforisuo 16, 2017 no, Ne Kronkron Paapa Francis paw no sɛ Keta-Akatsi Asɔredan no Ɔsɔfopɔn a ɔtɔ so mmienu wɔ Canonical gyae a Most Rev. Anthony Kwami Adanuty gyaee adwuma no akyi, sɛ Ɔsɔfopanyin a ɔdi kan wɔ Asɔredan no mu. N’asɛmti a ɔde dii dwuma wɔ adwuma foforo no ho ne “Adveniat Regnum Tuum” (W’Ahenni Bra) .

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 Profile (in American English), retrieved 2023-11-28
  2. Pope appoints Rev. Gabriel Kumordji as Bishop of Keta-Akatsi Diocese (in English), 2017-03-16, retrieved 2023-11-28