Gabriel Ameka

Ɛfi Wikipedia
Gabriel Ameka
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameGabriel Sesa
family nameAmeka Sesa
date of birth1958 Sesa
place of birthGhana Sesa
native languageEnglish Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationbotanist, academic, researcher Sesa
employerUniversity of Ghana Sesa
educated atUniversity of Ghana Sesa

Gabriel Komla Ameka, (wɔwoo no afe 1958), yɛ Ghana afifide ho nimdefo ne nhomanimfo a ne ho akokwaw wɔ nsu mu afifide mu. Nea ɛka ne dwumadi titiriw ho ne rheophyte ahorow ne po mu macroalgae a ɛyɛ Afrika Atɔe fam na ɛwɔ.[1]

Mfiase Asetra[sesa]

Ameka a ofi Anfoega, Ghana no, toaa ne nwomasua so wɔ University of Ghana, Legon Suapɔn na onyaa ne BSc wɔ afe 1982 mu ne MPhil wɔ afifide ho adesua mu wɔ afe 1987 mu.[2][3]

Gabriel Komla Ameka wiee ne Ph.D wɔ Ghana Suapɔn mu no wɔ afe 2001 mu, ɔde asɛmti bi a ɛfa "Podostemaceae a ɛwɔ Ghana no Abɔde a Nkwa Wom, Nkyekyɛmu, ne Abɔde a Nkwa Wom Ho Adesua" mae. Bere a ofii n’akyerɛkyerɛ adwuma ase wɔ sukuupɔn no mu wɔ afe 1988 mu no, Gabriel Komla Ameka nyaa ɔbenfo dibea wɔ afe 2010 mu. Ɔsan nso kyerɛɛ National Herbarium of Ghana kwan wɔ afe 2004 ne 2006 ntam.[1]

Adwuma[sesa]

Nea ɛka ne ntoboa a ɔde mae wɔ Ghana no ho no, Ameka yɛɛ nhwehwɛmufoɔ a ɔsrasraa Jodrell Laboratory, Kew wɔ UK wɔ mmerɛ mmienu (2007-2008 ne 2010-2011).[2]

Wɔaka nhwehwɛmu a Ameka ahu no ho asɛm wɔ mpɔtam hɔ ne amanaman ntam nsɛmma nhoma ahorow mu, a Taxon, Aquatic Botany, Botanical Journal of the Linnaean Society, Kew Bulletin, ne Phycologia ka ho. Mprempren ɔsom sɛ Adesua Ɔfa Samufo ma Phytotaxa nsɛmma nhoma no, ɔsan nso boa sɛ ɔhwɛfo ma ɔman ne amanaman ntam nsɛmma nhoma afoforo.[2][4]

Kuw[sesa]

  • Ghana Nyansahu Fekuo
  • Asase so hwɛ (Europa) - Afrikafoɔ Mfɛfo
  • AETFAT - Fekuo a ɛhwɛ afifideɛ a ɛwɔ Afrika a ɛwɔ mmeaeɛ a ɛhɔ yɛ hyew so no nkyekyɛmu ho adesua
  • Afifideɛ Adwumayɛkuo, Consortium for the Barcoding of Life
  • Amanaman Ntam Fekuo a ɛhwɛ Afifideɛ Nkyekyɛmu so
  • Amerika Fekuo a ɛhwɛ Nyansahu mu Nkɔsoɔ so

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 Ameka, Gabriel Komla (1958-) on JSTOR, 2012-08-01, retrieved 2023-11-26
  2. 2.0 2.1 2.2 Gabriel K. Ameka [BSc, MPhil, PhD, (Ghana)] | Department of Plant and Environmental Biology (in English), retrieved 2023-11-26
  3. Gabriel Ameka, retrieved 2023-11-26
  4. Ayesha Algade Amadu, Kweku Amoako Atta deGraft-Johnson, Gabriel Komla Ameka (2021-10-07), "Industrial Applications of Cyanobacteria", Cyanobacteria - Recent Advances in Taxonomy and Applications (in English), IntechOpen, retrieved 2023-11-26{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)