Freda Rhymz

Ɛfi Wikipedia

Freda Baffour Awuah (wɔwoo no ɔsanaa bosome da a ɛtɔ so aduonu wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmiɛnsa) mu a nnipa pii frɛ no Freda Rhymz, yɛ Ghanani a ɔyɛ rapper na ɔtwerɛ nnwom firii Sunyani a ɛwɔ Bono Ahafo mantam a ɛwɔ Ghana. [1]Nnipa bɛhunuu no berɛ a ɔwuraa MTN Hitmaker akansie a ɛkɔɔso wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson a ɔdii nkunim wɔ saa akansie no mu.[2][3][4]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nnwuma[sesa]

Wɔ anuanom nsia mu no Freda Rhymz na ɛtwatoɔ.Ɔkɔɔ mmɔtofoa sukuu wɔ Sunyani Glory Day care ɛna ɔtoaa so kɔɔ gyinapem nan wɔ Miracle. Preparatory sukuu. Ɔkɔɔ gyinapem nson dekɔ nkron no wɔ St Anthony of Padua ɛna ɔkɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ Dormaa ntoasoɔ sukuu a ne nyinaa wɔ Sunyani, wɔ berɛ ɔguso resua ne nnwom n'ani gye ho no. Ɔwiee Methodist University a ɔnyaa ne degree wɔ Fine Arts mu.[5] Afrobeats, Hiphop, Hiplife ne Highlife ka nnwom ahodoɔ a ɔde ba abɔnten ho.[6] Ɔne nnwontofoɔ binom te sɛ Pappy Kojo, Sista Afia, Kelvyn Boy ne D-Black ayɛ adwuma pɛn.[7]

Ntawantawa[sesa]

Ɔne rapper Sista Afia nyaa ntawantawa wɔ berɛ a ɔtee kasa ahodoɔ pii wieeɛ no.[8][9]

Nnwom mmaako mmaako[sesa]

Year Title Producer Album Ref
2020 Saucy ft Sista Afia Master Garzy Saucy
2019 Sing My Song DannyBeatz Sing My Song
2020 Point Of Correction

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "ProfileAbility – Freda Rhymz"
  2. "My win is surprise to me — Freda Rhymes"
  3. "Black Avenue Muzik signs MTN Hitmaker 6 winner Freda Rhymz"
  4. "Freda Rhymz Crowned Winner of MTN Hitmaker 6". GhLinks.com.gh. 2017-11-02. Retrieved 2022-03-22.
  5. "methodist university - Opera News Ghana"
  6. "Freda Rhymz's Profile and Lifestyle - Opera News"
  7. "Black Avenue Muzik, Freda Rhymz end working relationship - MyJoyOnline.com"
  8. "Beef Turns Physical As Sista Afia And Freda Rhymz Almost Exchange Blows – VIDEO"
  9. "Sista Afia apologises to Freda Rhymz, fans [Video]"