Frank Oppong

Ɛfi Wikipedia
Frank Oppong
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameFrank Sesa
family nameOppong Sesa
date of birth23 Obubuo 1979 Sesa
place of birthNkran Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationboxer Sesa
sportboxing Sesa
sports discipline competed inmiddleweight Sesa

Frank OppongGhana akuturukubɔfoɔ a ɔfiri Nkran, Ghana a seesei ɔte Luton, London. Ngresi abrokyeman mu . N.N Heward Mills na ɔde Frank

Oppong baa akuturukubɔ mu . Mprempren yi, ɔyɛ adwuma sɛ dwadifoɔ [1]wɔ Chiswick.[2]

Adwuma[sesa]

Oppong fii akuturukubɔ ho nteteeɛ ase berɛ a na wadi mfeɛ dunan 14 wɔ Akotoku Academie Gym; baabi a Azuma Nelson ne Ike Quartey gyee wɔn nteteeɛ. Na n'ani gye akutrukubɔ ho. Na na ɔko wɔ "welterweight division" mu maa Ghana Black Bombers. Ɔne wɔn tuu kwan kɔɔ Abibirem dwumadie a wɔyɛe wɔ South Africa no. Onyaa Sikakɔkɔɔ nkonim abotire wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduɔkron-nan (1994), South Africa agodie no mu.

Wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduɔkron -num (1995 ) mu no, Oppong san nso dii nkonim nyaa sikakɔkɔɔ abɔtire

maa Ghana Black Bombers wɔ Kuala Lumpur, Malaysia agodie mu. Akeiri ekio uw no de wɔn ho hyɛɛ agodie ɔrow no mu wɔ New York mmofrao uw no mu na wɔsan gyee sika kɔ abɔtire no bio.ɔɔ.

Ɔkoe wɔ Atlanta Olympic dwumadie no mu wɔ afe Apem , Ahankron ne Aduɔson-nso (1996). Wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduɔson -nson (1997 ) mu no, ɔkɔɔ Sydney kɔhwɛɛ agodie a Australia akuturukubɔ fekuo no hyehyɛeɛ no.

Ɔrehyɛ n'adwuma ase ankasa no ɔdii ako a ɔdi kan wɔ Accra wɔ afe Mpem-Mmienu mu pɛpɛɛpɛ(2000). Ɔdii nkonim kyenkyeenkye bi berɛ a ɔbaa metamfo no too fam . Ɔde ne nsa hyɛɛ nkrataa ase sɛ ɔbɛyɛ adwuma mfeɛ mmeɛnsa (3) wɔ Sweden ne Mike Woolsen wɔ Stockholm. Akyire yi, ɔde ne nsa hyɛɛ mfeɛ mmienu (2) apam ase wɔ Berlin, Germany ne Eva Roller. Wɔ afe Mpem-Mmienu ne enum (2005) mu no, ɔne Chano yɛɛ adwuma wɔ La Coronia. Ɔkoo wɔ Las Vegas, France, Portugal, Germany ne Madrid.[3]

Oppong ne Colombia wiase akansifoɔ, Juan Urango dii asie wɔ afe Mpem-Mmienu ne Mmeɛnsa (2003) mu wɔ Madrid. Ɔhweree nkontaa wɔ nsɛntitiriw mu. Ɔko tiaa Argentina WBO Mfinimfini Mu duru Champion Sergio Martinez wɔ Comunidad de Madrid na ɔdii nkoguo.[4][5]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

wick.

  1. ko 5Rated at Middleweight Super MiddleweightBorn 23 November 1979Accra, Ghana (2017-08-18), Frank Oppong - Alchetron, The Free Social Encyclopedia (in American English), retrieved 2023-11-28
  2. Frank Oppong | Boxer Page (in English), retrieved 2023-11-28
  3. Frank Oppong Video - Boxing Video - FightsRec.com, retrieved 2023-11-28
  4. ko 5Rated at Middleweight Super MiddleweightBorn 23 November 1979Accra, Ghana (2017-08-18), Frank Oppong - Alchetron, The Free Social Encyclopedia (in American English), retrieved 2023-11-28
  5. Frank Oppong | Boxer Page (in English), retrieved 2023-11-28