Francisca Oteng Mensah

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Francisca Oteng-Mensah
MP
Member of the Ghana Parliament
for Kwabre East
Mprenpren
Bere
7 January 2017
ƆmanpanyinNana Akuffo-Addo
Ne ho asɛm
Awo bere
Francisca Oteng-Mensah

15 February 1993 (1993-02-15) (age 31)
Mamponteng, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Parent(s)Obeng Gyasi
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology
N'adwumaPolitician
N'adwumaMember of Parliament
CabinetMember of Parliament
CommitteesTrade, Industry and Tourism Committee, Privileges Committee

Francisca Oteng-Mensah (wɔwoo no Ɔgyefoɔ da ɛtɔ so du nan wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmiɛnsa 1993) [1][2]yɛ amanyɔkuo New Patriotic Party no mu ni ne mmarahyɛbɛdwani a ɔgyina hɔ ma Kwabre Apueɛ mpɛsoa so, ɔno ne mmarahyɛbadwani a ɔsua koraa wɔ mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔ so nnan no mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia mu (2016).[3][4][5]

Abrabɔ mfitiaseɛ[sesa]

Wɔwoo Oteng-Mensah wɔ Aboaso Ayaresabea wɔ Mamponten,[1] a ɛwɔ Asante Mantam mu, [6]wɔ Ɔgyefoɔ da ɛtɔ so du nnan wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmiɛnsa (February 14,1993). N’awofoɔ ne Owura yere Joyce Oteng[1] ne Dr. Kwaku oteng [7]a ɔyɛ dɔkota ne dwadini, a ɔsane so yɛ ɔkwankyerɛfoɔ ma adwumakuo a ne din de Angel Group of Companies.

Nwomasua[sesa]

Oteng-Mensah kɔɔ mfiaseɛ sukuu ahodoɔ mmiɛnsa. Ɔkɔɔ sukuu a ne din de Manponteng Roman Catholic Sukuu, afei ɔkɔɔ Revival Preparatory sukuu a ɛwɔ Breman. Owie ne mfiaseɛ sukuu no wɔ Savior International School. Ɔwie ne JHS wɔ Angel Education Complex. Ɔtoaa so kɔɔ St. Roses Senior High School, faako a ɔwie ne ntoasoɔ sukuu.

Ne botaeɛ a ɛne sɛ ɔbɛsua ade akɔ akyi no boaa no ma no toaa so kɔɔ suapɔn a ɛne Kwame Nkrumah University (KNUST) maa no kɔsuaa mmara.[1] Francisca sii abatoɔ akansie no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) mu berɛ a na ɔwɔ ne mfeɛ mmienu soɔ wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology.[8] Ɔwɔ ne mfie mmienu soo wo Kwame Nkrumah University of Science and Technology.

Adwumayɛ[sesa]

Ansa na ɔbɛyɛ mmarahyɛ badwani no, na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ ma adwumakuo a ɛne Angel Group of Companies a ɛwɔ Kumasi.[6]Ɔpɛnimaa bosome no mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson (2017) mu no, wɔpaw no sɛ ɔtitenani ma adwumakuo a ɛne National Youth Authority.[9]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔdii nkunim wɔ Kwabre Apueɛ abatoɔ mpɛsoa so a ɛwɔ Asante Mantam mu sɛ mmarahyebadwani wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ mfeɛ mpem dmmienu ne du nsia (2016).[10]

Ɔsom[sesa]

Oteng-Mensah yɛ Kristoni a ɔsom wɔ Asembles of God asore.[10]

Mmeaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 https://www.ghanastar.com/news/meet-youngest-mp-ms-oteng-mensah/
  2. https://www.parliament.gh/mps?mp=154
  3. http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/artikel.php?ID=362590
  4. http://citifmonline.com/2015/06/15/i-won-because-of-my-message-not-money-francisca-mensah/
  5. https://www.glitzafrica.com/glitz-top-100-inspirational-women/100/
  6. 6.0 6.1 http://ghanamps.com/mps/details.php?id=5334
  7. https://ghana.mom-rsf.org/en/owners/individual-owners/detail/owner/owner/show/dr-kwaku-oteng/
  8. https://web.archive.org/web/20150721113256/http://elections.peacefmonline.com/pages/politics/201506/244899.php
  9. http://www.ghananewsagency.org/sports/francisca-oteng-mensah-heads-nya-governing-board-126639
  10. 10.0 10.1 https://ghanafuo.com/2016/12/meet-francisca-oteng-mensah-younges.html