Francis Yaw Osei Sarfo

Ɛfi Wikipedia

Francis Yaw Osei SarfoGhana ɔmanyɛni a ɔyɛɛ mmarahyɛbedwani wɔ Krachi West Constituency[1][2][2][2].

Mfitiase asetena ne nnwomasua[sesa]

Wɔwoo Francis wɔ Ahinime 1, 1955[2]. Ɔfiri Bejamse, kuro bi a ɛwɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana . Ɔnyaa ne BA wɔ Amanyɔsɛm ne Asase Ho Adesua mu wɔ Ghana Suapɔn mu wɔ afe 1981.[3] Na ɔwɔ ne PLC nso fi Ghana Mmara Sukuu mu .

Adwuma[sesa]

Ɔyɛ adwuma sohwɛfo. Ná ɔyɛ Akpabe Impex Limited adwumakuo no kwankyerɛfo panyin. Ɔsan nso yɛ Ɔmantam Panyin firi September 1996 kosi January 2001.

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔka NDC amanyokuo ho. Na ɔyɛ mmarahyɛbedwaani ma Krachi West Constituency a ɛwɔ Volta mantam mu wɔ Ghana[2].

2004 Abato a Wɔyɛe[sesa]

Wɔpaa Sarfo sɛ mmarahyɛbedwaani maa Krachi West mantam no wɔ afe 2004 Ghana amansan abato no mu . Enti na ɔyɛ mmarahyɛbedwani ma Krachi West mantam no wɔ mmarahyɛbedwa a ɛto so anan a ɛwɔ Ghana man a ɛto so nan no mu.

Wɔde abato 15,687 na ɛpaa no wɔ abato a ɛfata a wɔtoo nyinaa mu 34,952 mu. Eyi ne abato a ɛfata nyinaa mu 44.9% yɛ pɛ. Wɔpaa no sen Kofi Tarkum a ofi Nnipa Ɔman Nhyiam no mu, Kofi Mensah Demitia a ofi Ɔman Ho Dɔ Kuo Foforo no mu ; ne Alhaji Abu Safiano Baba, Owusu Michael Kwasi ne Apraku Kwadwo Sampson- wɔn nyinaa yɛ wɔn a wɔde wɔn ho. Eyinom nyaa abato a ɛfata a wɔtoo no nyinaa mu 23%, 25.4%,5.1%, 0.3% ne 1.3%.[4]

Wɔpaa Sarfo wɔ National Democratic Congress tekiti so . Na ne mantam no yɛ amansin 21 a National Democratic Congress dii nkunim wɔ Greater Accra mantam mu wɔ saa abato no mu no fa.

Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, National Democratic Congress no nyaa mmarahyɛbedwa akonnwa 94 wɔ Ghana man a ɛto so nan no mmarahyɛbedwaa a ɛto so nan no mu .

Ankorankoro asetena[sesa]

Ɔwaree na ɔwɔ mma mmienu. Ɔda ne ho adi sɛ ɔyɛ Kristoni.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Sarfo, Osei Yaw Francis (in American English), retrieved 2023-10-04
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 "Francis Yaw Osei Sarfo", Wikipedia (in English), 2023-07-19, retrieved 2023-10-04
  3. Mfomsoɔ wɔ beaɛ hɔ:Invalid <ref> tag; no text was provided for refs named :3
  4. Mfomsoɔ wɔ beaɛ hɔ:Invalid <ref> tag; no text was provided for refs named :1