Francis Yao Asare

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Francis Yao Asare
Volta Regional Minister
Bere
1 July 1960 – 1961
ƆmanpanyinDr. Kwame Nkrumah
OdikanfoFerdinand Koblavi Dra Goka
AnanmusiniHans Kofi Boni
Minister for Food and Agriculture
Bere
1957–1960
ƆmanpanyinDr. Kwame Nkrumah
OdikanfoKojo Botsio
AnanmusiniBoahene Yeboah-Afari
Minister of Labour, Co-operatives and Social Welfare
Bere
1957–1957
Member of Parliament for Buem
Bere
1951–1965
ƆmanpanyinKwame Nkrumah
OdikanfoEric Kwame Heymann
Ne ho asɛm
Awo bere
Francis Yao Asare

1915?
Borada, Southern Togoland
Owu bere7 January 2004
CitizenshipGhanaian
Sukuu a w'akɔMfantsipim School

Francis Yao Asare yɛ kane Ghanani nnuro mu nimdifoɔ ne amanyɔni. ɔsoom sɛ soafo wo asoe ahorɔw pii wɔ Ghana adehyeman a edikan no mu. ɔSoom sɛ mmarahyɛ bedwani ma Buem mpɛsoa so.

Ne mmɔfra ase ne Nhomasua[sesa]

Wɔ woo Francis wo Boroda a ewɔ southern Togoland. ɔkɔɔ sukuu wɔ Presbifoɔ sukuu a ɛwɔ anum na afei, ɔtoaa so kɔɔ Mfantsipim School a ɛwɔ Cape Coast.

Nnwuma ne amanyosem[sesa]

Wɔ tetee no sɛ nnuro ho nimdefoɔ wɔ ayarasabea a ɛne Korlebu Teaching Hospital na ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔyarehwɛfo wɔ temanmufo adwumabea a ɛne Ghana Civil Service firi 1940 kosi afe 1947.  ɔsoom wɔ Buem Krachi mansin ne Southern Togoland mansin akuo no mu, ma wɔ too aba yii no sɛ ananmusifo maa Buem wɔ afe 1951. Wɔ saa afe no mu no, wɔ paw no sɛ Soafo kyerɛwfo (abediakyire) ma asoe a ɛhwɛ Afiesie so. Akyiri yi, wɔ paw no sɛ soafo a ɔhwɛ nnwuma so , nnipa yiyiedie, na  ode mmere kakra bi gyinaa osoafo ananmu wɔ Nkitahodie asoe. Wɔ afe 1957 mu no, wɔ paw no sɛ soafo a ɔhwɛ nnuane ne kuayo so . ɔyɛɛ saa adwuma no kosii June , afe 1960. Wo July da edikan afe 1960, wo paw no sɛ Frao Mantam so soafo kosii afe 1961. Akyiri obeyɛɛ otitenani maa adwumkuo a ɛne National Food and Nutrition Board. Wɔ san too aba yi no sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina ho ma Buem mpesoa so mmere bi akyi kosii afe 1965, bre a onyaa atemuo sɛ w’ayɛ aban no bukata agye sika &1 opepem. Bre a wotuu Nkruma aban gui no, Francis de ne ho hye apopodwuma mu ma wɛ paw no titenani ma Posohyenfo kuo.

Owuo[sesa]

Francis wui wɔ January da a ɛtɔ so 7, afe 2004 bre a w’adi mfie 88. Wosiee no wɛ ne kuro mu, Buem

Nkekaho[sesa]