Kojo Botsio

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Kojo Botsio (Wɔ woo no February da ɛtɔ so 21, afe 1916, Owui February da ɛtɔ so 6, afe 2001) Na ɔyɛ Ghanani amanmanmu ananmusifo ne amanyɔni. Osuaa ade wɔ Bretain, na ɔbeyee sika so hwefo maa kuo bi a wɔfrɛ no West African National Secretariat na ɔde mmere kakra yɛ dwumadie so hwɛfo maa Abibiman sukuufoɔ kuo a ne din de West African Student Union. ɔsoom se ne man mu nhomasua ne abrabɔ mu yiedie soafo wɔ afe 1951, Na ɔsoom sɛ amanɔne so soafo mprenu wɔ Kwame Nkrumah a ɔyɛ amanyɔkuo Conventions Peoples Party (CPP) no animdifo no mu baako aban no mu

Ne mmɔfra ase ne Nhomasua[sesa]

Kojo Botsio kɔɔ sukuu a ne din de Adisadel College a ɛwɔ Cape Coast ne Achimota College a ɛwɔ Nkran. ɔtoaa so kɔɔ Suapɔn a ɛwɔ Sierra Leone a ne din de Fourah Bay University, a na ɛno ne Suapɔn koro pɛ a ɛwɔ abibirem atɔeɛ. ɔkɔɔ abrokyire man a ɛne United Kingdom wɔ afe 1945 kɔ toa n’adesua so wɔ Suapon a ɛne Brasenose College, Oxford University ma no nyaa abodin wɔ asase ho nimdeɛ

Nnwuma[sesa]

Botsio yɛ kane ɔkyerɛkyerɛni wɔ sukuu a ɛne St. Augustine’s College ne London City Coucil secondary school a ɛwɔ United Kingdom. Na ɔyɛ ɔkandifo ma Abuakwa State College a ɛwo Kibi a ɛwɔ Ghan. Na ne sukuufoɔ no bi ne Kofi Baako ne P. K. Quaidoo a na wɔn nyinaa ye soafo wɔ Nkrumah aban ase

Amanyɔsɛm[sesa]

Botsio hyiaa Nkrumah nea edikan wɔ afe 1945 bre a ɔwɔ London no. ɔboa ma wɔtee CPP. Onyaa akwanya kɔɔ mmarahyɛ kuo a w’ato din Legislative Assembly wɔ winebafo anan my bre a odii nkunim wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu wɔ afe 1951, na Nkruma ne ɔkandifoɔ ma aban no nwuma ho nsɛm. ɔkɔɔ so tena mmarahyɛ kuo no mu kosii afe 1957, bre a ɔbɛyɛɛ Mmarahyɛ baguani. ɔtoa so yɛɛ mmarahyɛ baguani kosii afe 1966 bre a kuo a ɛde National Liberation Council twee Ghana mmarahyɛ bugua sensɛn, na wotuu CPP aban a Kwame N   kruman da ano no.  Na ɔwɔ Nkrumah hɔ bre a owui wɔ afe 1972.  ɔsoom sɛ soafo a ɔhwɛ Nwuma ne mfirinnwuma so wɔ CPP aban mu. Bre bi a atwam na ɔsom sɛ soafo a ɔhwɛ Amanɔne, yiyiedie, Akwantuo, kuayɔ ne mpontuo so.

Abusua[sesa]

Na Kojo Botsio ye ɔwarefoɔ a ne yere din de Ruth Whittaker. Wɔ woo mmɔfra mienu a wɔn de Kojo ne Merene; na wɔn mienu no ye mmaranimfoɔn

Nkekaho[sesa]