Francis Kojo Arthur

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Francis Kojo Arthur (wɔwoo no 22 Ɔbɛnem 1954) yɛ obi a na ɔyɛ Ghana Mantam a Ɛto so Anan mmrahyɛbagua a Ɛto so Nsia no muni, na ogyina Gomoa Atɔe Fam Mansin ananmu wɔ Ghana Mfinimfini mantam mu .

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Arthur wɔ 22 Ɔbɛnem 1954 wɔ Gomoa Abasa Number 2 wɔ Central region of Ghana.

Ɔkɔɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so wɔ hɔ a onyaa abodin krataa a ɛkorɔn wɔ Mmoa Awo mu wɔ afe 2000.

Ankorankoro asetra[sesa]

Arthur aware na ɔwɔ mma du. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni ( Katolekni ).

Adwuma[sesa]

Ansa na Arthur rebɛyɛ mmrahyɛbaguani no, na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Anglican Senior High School a ɛwɔ Kumasi .

Amanyɔsɛm[sesa]

Arthur yɛ Ɔman Demokrasi mmrahyɛbagua no muni . Wɔ afe 2009 mu no, ɔdii Joe Kingsley Hackman ananmu sɛ mmrahyɛbaguani maa Gomoa West wɔ berɛ a ɔsii akan na ɔdii nkonim wɔ atenaeɛ no mu wɔ afe 2008 Ghana abatoɔ no mu. Wɔ abatoɔ no mu no ɔnyaa abatoɔ 15,985 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 47.47% na ɛno nti ɔdii akansifoɔ afoforɔ no so nkonim. Ɔsan sii akan wɔ afe 2012 Ghana Abatoɔ mu na ɔdii nkonim maa no hokwan sɛ ɔgyina ne mansin ananmu wɔ afe 2012 mu. Wɔ afe 2012 abatoɔ mu no, ɔnyaa abatoɔ 27,624 a ɛyɛ 56.67% wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu.

Nanso, afe 2016 mu no, wantumi annsi akan wɔ afe 2016 Ghana abatoɔ no mu ɛfiri sɛ ɔdii nkoguo wɔ National Democratic Congress (NDC) mmrahyɛbagua abatoɔ no mu. Enti nkonimdifoɔ, Samuel Fletcher, gyinaa NDC ananmu wɔ afe 2016 Ghana abatoɔ no mu.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]