Francis Kingsley Ato Codjoe

Ɛfi Wikipedia
Onionyamfo
Francis Kingsley Ato Codjoe
Mmrahyɛbadwani
Member of the Ghana Parliament
for Ekumfi abatoɔ mpasua
Bere
7 Ɔpɛpɔn 2017 – 6 January 2021
AnanmusiniAbeiku Crentsil
Deputy Minister for Fisheries and Aquaculture Development
Bere
11 Oforisuo 2017 – 7 Ɔpɛpɔn 2021
ƆmanpanyinNana Akuffo-Addo
Ne ho asɛm
Awo bere31 July 1971 (1971-07-31) (age 52)
Ekumfi Essarkyir, Ghana
Ne manGhanani
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaPolitician
N'adwumaCountry Controller

Francis Kingsley Ato Codjoe [1]Ghana amanyɔni ne mmrahyɛbadwani wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbadwa a ɛtɔ so nson no mu a ɔgyinaa Ekumfi Mansin ananmu wɔ Central RegionNew Patriotic Party no din mu [2]. Ɔyɛ kane Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Mpataayi ne Nsuo mu Nkɔsoɔ so. [3] [4]

Ne Mmɔfrase ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Codjoe wɔ Kitawonsa bosome da ɛtɔ aduasa -baako wɔ afe apem ahenkron aduoson - baako mu. Na ɔfiri Ekumfi Essarkyir a ɛwɔ Central Region of Ghana. Ɔwiee sukuu no nyaa sikasɛm mu abodin krataa wɔ Ghana Suapɔn mu.[5]

Adwuma[sesa]

Codjoe na ɔyɛ ɔman no sohwɛfoɔ wɔ NCR (Ghana) Limited a ɛwɔ Accra. [5]

Amanyɔsɛm[sesa]

Codjoe yɛ New Patriotic Party amanyɔkuo ni . [6][7][8]

2016 abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- nsia mu Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔdii nkonim wɔ Ekumfi abatoɔ mpasua mmarahyɛbadwa no mu a ɔnyaa mma mpem du mmienu, ahanu ne aduanan(12,240) a ɛyɛ ɔha mu abupɛn aduonum akyire po baako (50.1%) wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a National Democratic Congress mmarahyɛbadwa mu kandifoɔ Abeiku Crentsil nyaa abatoɔ mpem du- baako ahensia aduasa - mmienu (11,632) a ɛyɛɛ ɔha mu abupɛn aduanan nson Akyire po nsia (47.6%) wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, Progressive People's Party mmarahyɛbadwa kandifoɔ Stephen Quansah nyaa mma,Ahenum ne num (505votes) a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu ɔha mu abupɛn mmienu akyire po baako (2.1%) na 'Convention People's Party mmarahyɛbadwa kandifoɔ Kweku Essuoun nyaa mma aduoson (70) a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu ɔha mu hwee akyire po mmiɛnsa (0.3%).[9]

Ɔsomfo[sesa]

Codjoe yɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Mpataayie ne Nsuo ho nsɛm ho firi Ayɛwohomumɔ bosome da ɛtɔ so du- baako wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- nson kɔsi Ɔbɛnem bosome da ɛtɔ so nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu - baako. [10][11]

2020 abatoɔ

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mu no wɔ Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔhweree Ekumfi abatoɔ mpasua mmarahyɛbadwa akondwa no maa National Democratic Congress mmarahyɛbadwani Abeiku Crentsil. Ɔdii nkogu wɔ bere a ɔnyaa mma mpem du- mmiɛnsa, ahenan ne aduosia - nnwɔtwe (13,468votes ) a ɛyɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu ɔha mu abupɛn Aduanan - num ( 45.0%) berɛ a Abeiku nyaa mma mpem du- nsia ne aduasa - nsia (16,037votes ) a ɛyɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu Ɔha mu abupɛn aduonum - mmiɛnsa akyire po nsia (53.6%), GUM mmarahyɛbadwani Regina Amoah nyaa abatoɔ 371 a ɛyɛɛ abatoɔ nyinaa mu 1.2% ne Convention People's Party mmarahyɛbadwa kandifoɔ Ibrahim Anderson nyaa abatoɔ 0 a ɛyɛɛ 0.0% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu.[12]