Jump to content

Esther Obeng Dapaah

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Esther Obeng Dapaah
Member of the Ghana Parliament
for Abirem
Bere
7 January 2008  6 January 2013
MP for Abirem
ƆmanpanyinJohn Dramani Mahama
OdikanfoMuhammad Mumuni
Minister for Lands Forestry and Mines
Bere
January 2004  January 2008
ƆmanpanyinJohn Kufour
John Agyekum Kufour
OdikanfoDominic Fobih
Ne ho asɛm
Awo bere18 January 1945 (1945-01-18) (age 81)
Ne manGhana Ghanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma3
Sukuu a w'akɔGhana School of Law
N'adwumaLawyer[1]

Esther Obeng Dapaah (wɔwoo no wɔ Kɔtɔnimaa bosome da ɛto so Nkron wɔ Afe Apem Ahankron Aduanan Nnum mu, 9 May 1945) yɛ Ghana[2] ɔmanyɔni ne mmaranimfoɔ. Na ɔyɛ mmarahyɛ badwamni a ɔhwɛ Abirem mpɛsua so wɔ Ghana ammamuo a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nnum mno mu.[3]

Mfitiaseɛ asetena ne ne nwomasua

[sesa]

Esther Obeng Dapaah firi Nkwarten, wɔ Ghana Apueɛ Mantam mu.[2] Wɔwoo no wɔ Kɔtɔnimaa bosome da ɛto so Nkron wɔ Afe Apem Ahankron Aduanan Nnum mu, 9 May 1945.[4] Ɔnyaa ne Mmara mu Bachelor wɔ Chelmer Institute of Education wɔ Essex, England, wɔ afe Apem Ahankron Aduoson Nson (1977).[2] Ɔnyaa Bachelor of Law wɔ Lincoln's Inn wɔ afe Apem Ahankron Aduoson Nwɔtwe (1978) mu na ɔnyaa Ghana School of Law wɔ afe Apem Ahankron Aduoson Nkron (1979).[2][5]

Adwumayɛ

[sesa]

Obeng Dapaah yɛ mmaranimfoɔ wɔ adwumayɛ mu.[2] Wayɛ adwuma wɔ London Borough of Newham sɛ Ɔpanin a ɔhwɛ dan ka so.[2]

Amanyɔsɛm

[sesa]

Ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuo Foforo no muni.[5] Ɔsomm wɔ John Agyekum Kufuor ase sɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Asase, Kwaeɛ ne Fam Agudeɛ so.[6][7][8] Wayɛ saa Mmarahyɛ Badwa no muni a ɔhwɛ Abirem mpɛsua so wɔ Ghana ɛfiri mfeɛ Mpem Mmienu ne Nnan (2004) mu. Berɛ bi na ɔyɛ Mmaa ne Mmɔfra Kuo no Titenani na mprempren ɔyɛ Boayikuo a Ɛhwɛ Amansan Mmara ne Mmara Nsɛm So no muni.[9][10][11] Na ɔyɛ Pan-African Mmarahyɛ Badwa no muni nso .

Abatoɔ a wɔyɛ

[sesa]

Wɔpaw Obeng Dapaah sɛ mmarahyɛ badwani maa mmarahyɛ badwa a ɛto so nnum a ɛwɔ ammamuo a ɛto so nnan no mu maa Abirem mantam no wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Nwɔtwe (2008) Ghana amansan abatoɔ mu.[3] Wɔde amma mpem-dumiɛnsa, ahammiɛnsa ne du nkron (13,319) na ɛpaw no wɔ amma Mpem mmienu ne baako, ahankron ne aduosia mmienu (21,962) a ɛfata a wɔtoo no mu, a ɛne abatoɔ a ɛfata a wɔtoo no nyinaa mu ɔha nkyekye mu aduosia akyiri pɔ nsia (60.6%) yɛ pɛ.[2][12]

N'ankasa Abrabɔ

[sesa]

Esther yɛ Kristoni na ɔyɛ Pentekoste Asɔre no muni.[4] Ɔyɛ sigyani a ɔwɔ mma mmiɛnsa.[2]

Mmeaeɛ A Menyaa Mmoa Firiɛ

[sesa]
  1. "Ghana MPS - MP Details - Obeng Dappah, Esther (Ms)". ghanamps.gov.gh. Archived from the original on 6 May 2016. Retrieved 12 January 2022.
  2. 1 2 3 4 5 6 7 8 Ghana MPs - MP Details - Obeng Dappah, Esther (Ms), 2016-05-06, archived from the original on 2016-05-06, retrieved 2023-10-01
  3. 1 2 Results Parliamentary Elections, archived from the original on 2020-10-24, retrieved 2023-10-01
  4. 1 2 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  5. 1 2 Members of Parliament | Parliament of Ghana, 2016-12-01, archived from the original on 2016-12-01, retrieved 2023-10-01
  6. Esther Obeng Dapaah, Minister of Lands, Forestry, and Mines of Ghana, archived from the original on 2024-03-31, retrieved 2023-10-01
  7. Jason Lindo, Peter Siminski, Isaac Swensen (2015-12), College Party Culture and Sexual Assault, Cambridge, MA, retrieved 2023-10-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  8. Obeng-Dapaah makes humble demand | Local News, 2016-09-14, archived from the original on 2016-09-14, retrieved 2023-10-01
  9. daniel russell (2015-06-19), Affirmative action policy caused defeat of female MPs – Esther Obeng-Dapaah (in English), retrieved 2023-10-01
  10. Stephen Steinberg (2016-12-26), "The Birth and Death of Affirmative Action", Minority Relations, University Press of Mississippi, pp. 191–218, retrieved 2023-10-01
  11. "RPS awards: 4 September 2016", The Pharmaceutical Journal, 2016, doi:10.1211/pj.2016.20201604, ISSN 2053-6186, retrieved 2023-10-01
  12. Frauke Banse (2015), "Wess Brot ich ess, des Lied ich sing? Gewerkschaften in Ghana und Benin und die Förderung der Friedrich-Ebert-Stiftung", Globale Krisen - Lokale Konflikte?, Nomos, pp. 73–92, retrieved 2023-10-01