Emmanuel Kwasi Bedzra

Ɛfi Wikipedia

Emmanuel Kwasi Bedzrah yɛ Ghana amanyɔni ne mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so nson wɔ Ghana adehyeman amammuo a ɛtɔ so nan mu nipa a na ɔregyina hɔ ama Ho West mpɛsoa wɔ Volta Mantam wɔ kyiniiɛ amanyɔkuo(National Democratic Congress) no ananmu.[1]

Hon.
Emmanuel Kwasi Bedzrah
MP
Member of the Ghana Parliament
for Ho West Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2009
OdikanfoFrancis Aggrey Agbotse
Ne ho asɛm
Awo bere28 May 1967 (1967-05-28) (age 56)
Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔ

Abrabɔ ahyɛase ne nnwomasua[sesa]

Wɔwoo Bedzrah wɔ Kontonimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu-nwɔtwe (28) wɔ afe apem ahankron ne aduosia nson(1967) mu. Ɔfiri Tsitso-Awudome, kuro bi a ɛwɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana. Ɔnyaa ne diploma sɛ Chartered Surveyor wɔ Ghana Institute of Surveyors. Ɔsan nso nyaa ne Construction Technicians Certificate I (CTC I) fii Takoradi Polytechnic ne Bachelor of Science abodin krataa wɔ Administration mu wɔ University of Ghana Sukuupɔn mu. Ɔwɔ abodin krataa a ɛkorɔn wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration (GIMPA).[2]

Adwuma ne amanyɔsɛm[sesa]

Ansa na ɔrehyɛn amanyɔsɛm mu no, na Bedzrah yɛ adwumayɛfoɔ panin wɔ Procurement and Project Management Consultancy.

Wɔpaw no sɛ ɔmmɛgyina Ho West amansin ananmu wɔ mfeɛ 2008 Ghana amansan abatoɔ no mu. Ɔwɔ mmarahyɛbadwam mu firi Ɔbɛnem bosome da a ɛtɔ so nson wɔ mfeɛ 2009. Wɔ mmarahyɛbadwam mu no, wasom wɔ boayikuo ahodoɔ mu, a emu bi ne; Adwumayɛ ne Adan Boayikuw, ne Daa Ahyɛde Boayikuw.

Wɔ afe 2021 mu no, Bedzrah ne Alexander Kwamena Afenyo-Markin, Abdul-Aziz Ayaba Musah, Johnson Kwaku Adu ne Laadi Ayii Ayamba kaa ntam wɔ ECOWAS Mmarahyɛbadwam no Nhyiamu soronko 2021 a ɛsii wɔ Freetown wɔ Sierra Leone no mu.[3]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Bedzrah aware wɔ mma nan(4). Ɔyɛ kristoni.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://mobile.ghanaweb.com/GhanaHomePage/republic/parliamentatian.php?ID=37
  2. Archive copy, archived from the original on 2020-02-04, retrieved 2023-10-02{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. author, Fred ANAETO (2021-03-29), 1st Extraordinary Session 2021 of ECOWAS Parliament: Adoption of the Strategic Plan (2020-2024) as the first priority. (in American English), archived from the original on 2023-12-03, retrieved 2023-10-02 {{citation}}: |last= has generic name (help)