Emmanuel Kinsford Kwesi Teye

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Emmanuel Kinsford Kwesi Teye yɛ Ghana ɔmanyɔni na na ɔyɛ mmrahyɛbadwani ma Ashaiman mantam a ɛwɔ Greater Accra mantam mu wɔ Ghana . Na ɔyɛ mmrahyɛbadwani wɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Teye yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni. Wɔpaw no sɛ mmrahyɛbadwani ma Ashaiman mantam a ɛwɔ Greater Accra mantam mu wɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu. Kwame Alfred Agbesi na odii n’ade wɔ afe 2004 Ghana Amansan abatow mu.

Abatow a wɔyɛ[sesa]

Wɔpaw Teye sɛ mmrahyɛbadwani maa Ashaiman mantam no wɔ afe 2000 Ghana amansan abatow no mu .[1] Wɔpaw no wɔ New Patriotic Party no tekiti so .[1] Na ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 16 no fa wɔ nkongua 22 a New Patriotic Party no dii wɔ saa abatow no mu maa Greater Accra Mantam no mu. New Patriotic Party no nyaa dodow no ara a ɛyɛ mmrahyɛbagua nkongua ɔha wɔ nkongua 200 a ɛwɔ mmrahyɛbagua a ɛto so 3 a ɛwɔ Ghana man a ɛto so 4 no mu. Wɔde abatow 21,894 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 60,083 mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 36.9% yɛ pɛ.[2] Wɔpaw no sen Alfred Kwame Agbesi ne Nana Kwame Aboagye-Asare,akannifoɔ mmienu a wɔde wɔn ho, Franklin WK Aheto a ɔfiri National Democratic Congress, Doli Tetteh a ɔfiri People’s National Convention, Emmanuel Osabutey a ɔfiri National Reform Party, Samuel Korku Amegah a ɔfiri United Ghana Movement ne Joseph-Willis Kugblenu Doku a ɔwɔ Nhyiam Nnipa Kuw no mu . Eyinom nyaa abatow 20,088, 741, 12,607, 1,134, 1,115, 922, ne 874 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne 33.8%, 1.2%, 1.9%, 1.9%,1.6%, ne 1.5% yɛ pɛ wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu.[2]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 Electoral Commission of Ghana Parliamentary Result-Election 2000. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2007. p. 16.
  2. 2.0 2.1 Electoral Commission of Ghana -Parliamentary Result-Election 2000. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2007. p. 31.