Emmanuel Asamoah Owusu-Ansah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Emmanuel Asamoah Owusu-Ansah (17 Ɔpɛpɔn 1939 – 22 Ɔbɛnem 2012) yɛ mmaranimni ne Ghana amanyɔni a ɔfiri Ghana man mu. Na ɔyɛ mmrahyɛbagua no muni a ogyinaa Kwabre West mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan ne 5 no mu. Na ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni .

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Owusu-Ansah wɔ 17 Ɔpɛpɔn 1939. Ɔfirii Bomso a ɛbɛn Kodie kuro bi a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana . Na ɔyɛ Ghana Suapɔn (UG) no adeyɛ . Ɔnyaa Bachelor of Science abodin krataa wɔ sikasɛm mu wɔ sukuupɔn no mu. Ɔnyaa abodin krataa no wɔ afe 1967. Ná ɔyɛ The Hague a ɛwɔ Netherlands no nso ade. Efi hɔ no, onyaa Ɔmanfo Nnwuma ho abodin krataa a ɛkorɔn. Eyi sii afe 1974. Na ɔyɛ obi a wawie Ghana Mmara Sukuu nso . Ɔnyaa Bachelor of Law abodin krataa wɔ sukuu no mu wɔ afe 1986.

Adwuma[sesa]

Na Owusu-Ansah yɛ mmaranimfo wɔ n’adwuma mu. Na ɔyɛ atemmu ho ɔkyerɛwfo wɔ Atemmu Dwumadibea.

Amammui mu adwuma[sesa]

Ná Owusu-Ansah yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni . Ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbaguani firi Ɔpɛpɔn 2005 berɛ a ɔdaa ne ho adi sɛ ɔdii nkonim wɔ Amansan Abatoɔ mu wɔ December 2004.[1] Ɔtu mmirika kɔdi tumi afe a ɛtɔ so mmienu.[2] Na ɔyɛ MP a ɔhwɛ Kwabre West mantam so.[1] Wɔpaw no sɛ mmrahyɛbagua muni maa saa mantam yi wɔ Republic of Ghana a ɛto so anan no mmrahyɛbagua a ɛto so anan ne anum mu.[1][2]

Abatow a wɔyɛ[sesa]

Wɔpaw Owusu-Ansah sɛ mmrahyɛbaguani mma Kwabre West mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana nea edi kan wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow no mu.[3] Odii nkonim wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[3] Na ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 36 no fa wɔ nkongua 39 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu. New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 128 wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatow 26,700 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 31,746 mu.[3] Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 84.1% yɛ pɛ.[3] Wɔpaw no sen Gabriel Amakye a ofi National Democratic Congress .6 Amakye nyaa abatow 5,046 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu.[3] Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 15.9% yɛ pɛ.[3]

Wɔ afe 2008 mu no, odii nkonim wɔ amansan abatow no mu wɔ New Patriotic Party tekiti so maa ɔmansin koro no ara.[4] Ná ne mansin no ka mmrahyɛbagua nkongua 34 a ɛwɔ nkongua 39 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu no ho. New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 109 wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatow 27,460 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 33,516 mu.[4] Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 81.93% yɛ pɛ.[4] Wɔpaw no sen Joseph Boache Danquah a ofi People’s National Convention, Pius Opoku Boateng a ofi National Democratic Congress, Osei Kwadwo a ofi Reformed Patriotic Democrats ne Akua Donkor a ɔyɛ obi a ɔde ne ho.[4] Eyinom nyaa abatow 3,329, 0, 729, 1998 wɔ abatow a ɛfata nyinaa mu.[4] Eyinom ne 9.93%, 0%, 2.18% ne 5.96% yɛ pɛ wɔ abatow a wɔtow nyinaa mu.[4]

Ankorankoro asetra[sesa]

Na Owusu-Ansah yɛ Kristoni na na ɔne no bɔ fekuw sɛ Presbyterian. Na waware na ɔwɔ mma baanum.

Owuo[sesa]

Owusu-Ansah wui wɔ Korle-Bu Nkyerɛkyerɛ Ayaresabea hɔ bere a ɔhwee ase wɔ 22 June 2012.[5][6]

Hwɛ nso[sesa]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 125.
  2. 2.0 2.1 Ghana Elections 2008. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2010. p. 63.
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 3.5 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 125.
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 4.4 4.5 Ghana Elections 2008. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2010. p. 63.
  5. Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 125.
  6. Ghana Elections 2008. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2010. p. 63.