Edward Michael Ennin

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Edward Michael Ennin (wɔwoo no 16 May 1070) yɛ mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 5 a ɛwɔ Ghana Republic a ɛtɔ so nnan no muni ma Obuasi Apueeɛ wɔ Ashanti mantam mu wɔ Ghana . Wɔpaw no wɔ New Patriotic Party (NPP) tekiti so nyaa abatow dodow no ara ma ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbaguani .

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Ennin wɔ May 16 1970 wɔ Old Edubiase wɔ Ashanti mantam mu . Ɔnyaa ne Diploma wɔ Data Processing mu wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so . Onyaa adansedi krataa no wɔ 1997 mu wɔ sukuupɔn no mu. Ɔsan nso nyaa EMGL abodin krataa wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration . Ɔnyaa abodin krataa no wɔ afe 2008.

Adwuma[sesa]

Ennin yɛ Insurance broker ne programmer. Ɔyɛ sikakorabea dwumayɛni ne sikasɛm ho ɔbenfo nso. Ná ɔyɛ Ashanti Ɔmantam Anamusini wɔ All Risk Consultancy Limited.

Amanyɔsɛm[sesa]

Ennin yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni . Ɔyɛɛ adwuma sɛ Ghana Ɔmanpanyin a Ɛto so Anan no mmrahyɛbagua a Ɛto so Anum, Nsia ne Nson no muni. Wɔkaa ntam bere a odii n’asɔretiafo no so nkonim denam abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 59.08% a onyae no so. Ɔka boayikuw a ɛhwɛ Aban Awerɛhyem, Atopae ne Ahoɔden so no ho. Ɔayɛ mmrahyɛbaguani firi Ɔpɛpɔn 2005 de bɛsi nnɛ.

Abatow a wɔyɛ[sesa]

Wɔpaw Ennin sɛ mmrahyɛbadwani maa Obuasi Apuei mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana nea edi kan wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow no mu.[1] Odii nkonim wɔ New Patriotic Party no tekiti so .[1] Na ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 36 no fa wɔ nkongua 39 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu. New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 128 wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatow 43,102 paw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 74,717 mu.[1] Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 57.7% yɛ pɛ.[1] Wɔpaw no sen Michael Carr Aaron a ofi People’s National Convention, Ɔtemmufo Dasah a ofi National Democratic Congress ne Adelaide Borden a ɔyɛ obi a ɔde ne ho.[1] Eyinom nyaa abatow 550, 4,426 ne 26,639 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu.[1] Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 0.7%, 5.9% ne 35.7% yɛ pɛ.[1]

Wɔ afe 2008 mu no, odii nkonim wɔ amansan abatow no mu wɔ New Patriotic Party tekiti so maa ɔmansin koro no ara.[2] Ná ne mansin no ka mmrahyɛbagua nkongua 34 a ɛwɔ nkongua 39 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu no ho . New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 109 wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatow 46,785 paw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 75,085 mu.[2] Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 62.31% yɛ pɛ.[2] Wɔpaw no sen Mohammed Issifu a ofi Nnipa Ɔman Nhyiam no mu, John Alexander Ackon a ofi Ɔman Democratic Congress, Elyass Abdulsalam a ofi Democratic Freedom Party, David Kenyah a ofi Nhyiam no mu Nnipa Kuw ne Albert Joseph Ababio a ofi Reformed Patriotic Democrats.[2] Eyinom nyaa abatow 331, 26,169, 147, 1,501 ne 152 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu.[2] Eyinom ne 0.44%, 34.85%, 0.20%, 2% ne 0.2% yɛ pɛ wɔ abatow a wɔtow no nyinaa mu.[2]

Ankorankoro asetra[sesa]

Ennin aware na ɔwɔ mma baanan. Ɔyɛ Kristoni ( Methodist ).

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 1.5 1.6 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 127.
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 2.5 Ghana Elections 2008. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2010. p. 64.