Ebenezer Gilbert Nii Narh Nartey

Ɛfi Wikipedia

Nhwɛsoɔ:Use Ghanaian English

Ebenezer Gilbert Nii Narh Nartey
Member of the Ghana Parliament
for Ablekuma Central Constituency
Bere
2017–2020
OdikanfoTheophilus Tetteh Chaie
Ne ho asɛm
Awo bereJuly 16, 1979 (1979-07-16) (age 44)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party

Ebenezer Gilbert Nii Narh Nartey yɛ Ghana amanyɔni ne Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson wɔ Ahyehyem a ɛtɔ so nan no mu ni a ɔgyina hɔ ma Ablekuma Central Mansini no wɔ mmarahyɛbadwafie

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Ɔfiri Ningo a ɛwɔ Nkran mantam mu.

Ɔwɔ diploma wɔ nnipa ahoɔden sohwɛ mu wɔ Institute of Commercial Management. Diploma wɔ adansie ho nhyehyɛeɛ mu a ɛfiri Kwame Nkrumah Nyansahunu ne Mfididwuma Sukuupɔn NVTI adansedie krataa a ɛfiri nnɛ yi Sukuu a Ɛhwɛ Nsɛm So no mu.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔyɛ Ɔsono kokroko Ammanyɔkuo(New Patriotic Party -NPP) mu ni. Ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma ma Ablekuma Mfimfini mansini a ɛwɔ Nkran punpuni mantam no mu no.[2]

Adwumayɛ[sesa]

Ɔkyerɛɛ adeɛ wɔ Islamic Education Program firi mfeɛ Mpem Mmienu ne Ɛnan (2004) kɔsii Mfeɛ Mpem Mmienu ne enum (2005). Na ɔsan nso yɛ Executive Secretary de ma atuhoakyɛ kuo bi a ɛnhyɛ aban ase. Ɔbɛyɛɛ Afɛfoɔ Afɛfoɔ som sohwɛfoɔ abadiakyiri firi Mfeɛ Mpem Mmienu ne Nson (2007 ) de kɔsii Mfeɛ Mpem Mmienu ne du-baako (2011) wɔ Lands Commission. Na ɔyɛ Ednark Limited no sohwɛfoɔ firi mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-baako(2011) kɔsi mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-nsia (2016).[3]

2021 Nsɛmnsɛm[sesa]

Ɔgyefuo da a ɛdi kan, mfeɛ Mpem Mmienu ne Aduonu -baako mu no, Awake News kyerɛ sɛ, basabasayɛ kɔɔ so wɔ NPP amanyɔkuo a ɛwɔ Ablekuma mfimfini abatoɔ mpɛsoa no so no mu a na ɛfa obi a wɔbɛpaw no sɛ mansini krakye ho. [4] Sɛnea wɔn a ɔbɛn ekuo no ne Awake Newsfoɔ kyerɛ no, Mmarahyɛbadwani a na wadi nkoguo wɔ mpɔtam hɔ no, ɛyɛ Ebenezer Nii Narh Nattey na na ɔhyɛ mmabunu bi a wɔwɔ mpɔtam hɔ ɔnni kutupa sɛ wɔnkada ntia Mariama Karley Amui , mansini krakye a na wɔayi no fororɔ no, ngu ne din ho fi. Wɔkyerɛɛ sɛ Nii Bae Nartey yɛɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya kwan abɛyɛ mansini krakye. [5]


Nsɛm foforobinefinom neɛ kɛ.erɛ sɛ, berɛ a na saa nsɛmsɛm yi rekɔ so no nyinaa, na Onimuonyamfoɔ Nii Narh Nartey asi nkete sɛ ɔbɛsan nso ɔkɔpere mmarahyɛbadwa akondwa no wɔ abatoɔ a ɛbɛba biom no mu. Nti nokorɛ biara nniu sɛ ɔhyɛ saa mmabunu basabasayɛ no ase.

.

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-05
  2. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-03
  3. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-03
  4. Ablekuma Central NPP in flames as former MP tussles with MCE over position (in American English), 2021-02-01, retrieved 2023-10-09
  5. Ablekuma Central NPP in flames as former MP tussles with MCE over position (in American English), 2021-02-01, retrieved 2023-10-09