Dzifa Bampoh

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Dzifa Bampoh
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageDzifa Gbeho Bampoh Sesa
given nameDzifa Sesa
family nameBampoh Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Ewe Sesa
occupationtelevision presenter, journalist, radio personality Sesa
employerGhana Broadcasting Corporation, Multimedia Group Limited, Media General Ghana Limited Sesa
educated atFederal Government Girls' College, Abuloma, Akyimɔta Ntoasoɔ Sukuu, University of Ghana Sesa

Dzifa Gbeho Bampoh a wɔnim no wɔ abɛɛfo ntentan so sɛ Dzifa Bampoh yɛ Ghana nsɛntwerɛni, nkitahodienii ne obi a ɔwɔ abɛɛfo ntentan so. Seisei Dzifa ne Ɔsamufoɔ panin wɔ 3Fm ne TV3. [1]Ɔdii mfeɛ du mmienu sɛ nsɛntwerɛni wɔ Multimedia Group Limited (Joy FM) ansa na ɔrekɔ yɛ panin wɔ Tullow Ghana sɛ ɔkasamafoɔ ne nhwehwɛmu tenetenefoɔ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson.[2]

Nnwuma[sesa]

Nsɛntwerɛnii

Dzifa hyɛɛ ne nnwuma ase wɔ kasafidie so wɔ Ghana Broadcasting Corporation (GBC) firi afe apem ahankron ne aduokron nson dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne num, a ɔyɛ kyeame ma "UniiQ Breakfast Drive" (mfeɛ mpem mmienu ne mmienu dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne num) ne GTV mmabunu dwumadie, "Next Level" (firi mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan).[3]

Ɔno akyire no ɔkɔɔ Multimedia Group Limited (Joy FM) firi mfeɛ mpem mmienu ne num dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson,[4] a ɔdi dwuma pii wɔ nsesamu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson. Ɔkyeame ma kaseɛbɔ mpensenpensemu dwumadie"Newsnite" firi mfeɛ mpem mmienu ne nson dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson, abatoɔ dwumadie "Joint Caucus" wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia ne efie nsɛnsɛm firi mfeɛ mpem mmienu ne nsia dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu. Dzifa dii Joy ahobanbɔ ano firi mfeɛ mpem mmienu ne du num dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson ɛna na ɔyɛ ɔtotoiɛ ma Ɔmanpanin firi mfeɛ mpem mmienu ne nsia dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe.

Seisei Dzifa na ɔda 3Fm ne TV3 kaseɛbɔ nyinaa ano.[5] Ɔdii kasafidie ne kasamfoni anim a ɔboa ma kaseɛbɔ bɔ ho nkyerɛkyerɛ ne ho ne nsɛm a ɛba dabiara. Ɔno ne kyeame ma "First Take" kaseɛbɔ mpensenpensemu a wɔyɛ no wɔ 3Fm, nkitahodie soronko ne "Key Points" ma TV3.[6]

Kasamafoɔ

.[sesa]

Na Dzifa yɛ kasamafoɔ ne hwehwɛmu tenetenefoɔ ma Tullow Ghana firi mfeɛ mpem mmienu ne du nson dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu wɔ nkitahodie, abɛɛfo ntentan mu, ne nhwehwɛmu mu.[7]

Abasobɔdeɛ[sesa]

Dzifa gyee mmaa abasobɔdeɛ-abɛɛfo ntentan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson, RTP abasobɔdeɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nan ne mfeɛ mpem mmienu ne du baako sɛ "Newsnite Anchor", [8]CIMG dwumadie wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nson wɔ Joy kasafidie "Home Affairs" so ne mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa mmabunu dwumadie a ɛfa abɛɛfo ntentan ho ntamgyinafoɔ ma GTV "Next Level" so.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]