Duut Emmanuel Kwame

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Emmanuel Kwame Duut
Member of Ghana Parliament for Bunkpurugu-Yunyoo Constituency
Bere
7 January 2009 – 6 January 2013
OdikanfoJoseph Yaani Labik
Ne ho asɛm
Awo bere6 June 1959 (1959-06-06) (age 64)
Najong, Northern Region, Ghana)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma9
Sukuu a w'akɔUniversity of Education, Winneba
N'adwumaPolitician
N'adwumaTeacher

Emmanuel Kwame Duut (wɔwoo no 6 ayɛwohomumɔ 1959) yɛ Ghana amannyɔni na ɔyɛ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan no Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nnum no muni a ɔgyina Bunkpurugu-Yungoo Mansin ananmu wɔ Ghana Atifi Mantam mu.[1][2]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Duut wɔ Ayɛwohomumɔ bosome no da a ɛtɔ so nsia wɔ afe 1959 mu wɔ Najong, wɔ Ghana Atifi Fam Mantam mu. Ɔkɔɔ Nwomasua Sukuupɔn, Winneba (UEW) wɔ afe 2004 mu na ɔnyaa Bachelor of Education (B.Ed.).[1]

Adwuma[sesa]

Na ɔyɛ Bunkpurugu-Yunyoo Senior High School Ɔkyerɛkyerɛfoɔ Boafoɔ ne mmarahyɛ badwani ma Bunkpurugu-Yunyoo Mansin (2009-2013).[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔdii kan yii no sɛ ɔmmra mmarahyɛ badwa no mu wɔ National Democratic Congress (NDC) tekiti so wɔ ɔpɛnimaa bosome no mu wɔ afe 2008 Ghana amansan abatoɔ mu sɛ Mmarahyɛ Badwa no mu ni ma Bunkpurugu-Yunyoo Mansini a ɛwɔ Ghana Atifi Mantam mu. Wɔ afe 2008 abatoɔ no mu no, ɔnyaa abatoɔ no mu mma 9,205 wɔ abatoɔ a nnipa dodoɔ a wɔtoeɛ nyinaa yɛ 32,078 a ɛfata a wɔtoo no mu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 28.7%.[1][3] Ɔsan sii akan wɔ afe 2012 Ghana amansan abatoɔ mu na Solomon Namliit Boar a ɔyɛ New Patriotic Party no mu ni a ɔnyaa abatoɔ no mu mma 10,829 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 38.85% dii no so nkonim.[4] Ɔdii mfeɛ baako pɛ sɛ mmarahyɛ badwani.

Ankorankoro asetena[sesa]

Ɔwaree na ɔwɔ mma nkron. Ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ Katolek Asɔre no mu ni.[1]

baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 MPs (in American English), retrieved 2023-10-04
  2. Government has no official list of refugees in Togo- Interior Minister, retrieved 2023-10-04
  3. Parliamentary Results Bunkpurugu/Yunyoo (Northern Region), retrieved 2023-10-04
  4. Peace FM (2014-12-17), Parliament - Bunkpurugu Constituency Election 2012 Results, retrieved 2023-10-04