Doris Dartey

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Doris Yaa Korantenmaa Dartey (wuiɛ 19 July 2020) yɛ Ghana nkitahodiɛ ho ɔkyerɛkyerɛfo, ɔfotufo ne berɛ bi a ɔyɛ GJA Awards Committee no muni ne guamtrani. Na ɔyɛ Graphic Communications Group Limited a ɛwɔ Ghana no guamtrani.

Nwomasua[sesa]

Dartey suaa ade wɔ Cape Coast Sukuupɔn mu, faako a owiee BA wɔ nhomasua mu. Ɔsan nso nyaa nsɛm ho amanneɛbɔ ne nnipadɔm nkitahodi ho adansedi krataa a ɔde wiei fii Nkitahodi Adesua Sukuu a ɛwɔ Ghana Sukuupɔn mu, ne MA wɔ amanaman ntam nsɛm mu (nkɔso nkitahodi), mmea adesua ho adansedi krataa a owiee ne PhD wɔ ahyehyɛde nkitahodi mu wɔ Ohio Sukuupɔn mu wɔ U.S.

Adwuma[sesa]

Na ɔyɛ nkitahodi ho ɔfotufo na ɔyɛɛ adwuma maa nnwuma a wɔn a wɔde mmoa ma no tua ho ka te sɛ African Union Commission, African Development Bank, UNESCO, GIZ, ne afoforo.

Ɔsan nso yɛɛ Ɔman Nsɛm ho Amanneɛbɔ Bagua no muni ansa na ɔrebɛyɛ GCGL mpanyimfo bagua no guamtrani . Ɔkyerɛɛ nkitahodi adesua wɔ USA ne Ghana wɔ Dayton Sukuupɔn, Mount Mercy Sukuupɔn, GIMPA, ne GIJ .

Ná ɔyɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo na na ɔyɛ dwumadi ahorow bi  wɔ Ghana mfe bi. Ɔsan nso kyerɛw asɛm bi wɔ The Spectator atesɛm krataa mu wɔ Ghana a wɔfrɛ no The WatchWoman a ɛkaa nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, ahotew, akwahosan, mmofra ne ɔmanfo nsɛm afoforo ho asɛm. Na ɔyɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo, nkitahodifo ne ɔmanfo ntam abusuabɔ ho adwumayɛfo pii fotufo wɔ Ghana.

Owuo[sesa]

Owui wɔ KBTHAccra Kwasida, 19 July 2020 bere a owui wɔ nufu mu kokoram ho nsɛnnennen mu no.[1][1] Wɔsiee no wɔ Lashibi Ayiyɛbea, beae bi a ɛbɛn Tema .

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 {{cite web}}: Empty citation (help)