Dominic Kwaku Fobih

Ɛfi Wikipedia
Dominic Fobih
Member of Parliament for Assin South Constituency
Bere
7 January 2001 – 6 January 2017
AnanmusiniJohn Ntim Fordjuor
Ne ho asɛm
Awo bere16 July 1942 (1942-07-16) (age 81)
Ne manGhanaian 
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔUniversity of Alberta
N'adwumaPolitician

Dominic Fobih (wɔwoo no 16 Ɔpɛpɔn 1942) yɛ Ghana amammuifoɔ,[1] ɔbenfoɔ ne Nwomasua ho nimdefoɔ /Ɔkyerɛkyerɛfoɔ.[2] Ɔyɛ mmarahyɛ badwani ma Assin SouthCentral region of Ghana firi January 2001 kɔsi January 2017 wɔ New Patriotic Party tekiti so.[1][3][2] Ɔsan nso yɛ ɔmanpanyin a ɔhwɛ Asase, Kwae ne Aboɔden so wɔ Ɔmanpanyin dedaw John Agyekum Kufour nniso ase.[4]

Mfitiase asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Dominic wɔ 16 Ɔpɛpɔn 1942.[2] Ɔfiri kuro bi a wɔfrɛ no Assin Jakai a ɛwɔ Central mantam muGhana.[1][3] Ɔnyaa ne PhD wɔ Nwomasua adwene mu wɔ Alberta Suapɔn mu wɔ Canada wɔ afe 1979.[1][3]

Adwumayɛ[sesa]

Fobih yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni .[1] Ɔyɛɛ Mmarahyɛ Bagua no muni mfeɛ mmienu no wɔ Ɔmanpanyin Kan John Agyekum Kuffou r nnisoɔ mu firi Ɔpɛpɔn 2001 kɔsi Ɔpɛpɔn 2009. Wɔ afe 2000 Ghana mmarahyɛ bagua abatoɔ mu no ɔnyaa abatoɔ 16,963 wɔ 31,843 no mu a ɛmaa abatoɔ a ɛfata a wɔtoo no nyinaa yɛ 53.3%.[2] Ɔsan nso yɛ Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Asase, Kwaeɛ ne Atopaeɛ so firi afe 2003 kɔsi afe 2007,[5]John Agyekum Kuffour nnisoɔ ase. Ɔkuraa n’akongua sɛ mmarahyɛ baguani maa Assin South Constituency berɛ a John Atta Mills dii nkonim wɔ afe 2008 Ghana amansan abatoɔ mu firi Ɔpɛpɔn 2009 kɔsi Ɔpɛpɔn 2012.[3][1][6] Ɔsan kuraa n'akongua so sɛ mmarahyɛ baguani maa Assin Anafoɔ wɔ afe 2012 Ghana amansan abatoɔ no mu wɔ New Patriotic Party a ɛwɔ John Dramini Mahama nnisoɔ mu no tekiti ase.[1][7] Ɔyɛɛ Nhomasua ne Aban boayikuo no muni berɛ a n’apam NPP baa ɔsɔretia mu wɔ afe 2012 mu[1] na na ɔyɛ nnipa kakraa bi kasamafoɔ wɔ nwomasua ho.[8]

Na Dominic nso yɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Cape Coast Sukuupɔn a ɛwɔ Ghana Mfinimfini Mantam mu.[1][3]

Ɔyɛ Ghana Education Trust fund (GETFUND) no board chairman mprempren.[9][10]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔpaw Fobih sɛ mmarahyɛ baguani wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan (2004) Ghana amansan abatoɔ mu wɔ mmarahyɛ bagua a ɛto so anan a ɛwɔ Ghana man a ɛto so anan mu wɔ Assin South Mpɛsoa so mu.[11] Ɔkuraa ne nkongua sɛ mmarahyɛ baguani maa Ghana man a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nnum ne nsia wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe ne mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2008 ne 2012) Ghana amansan abatoɔ no mu.[1]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Dominic aware a ɔwɔ mma nkron. Ɔyɛ Kristoni wɔ ɔsom mu na ɔyɛ Ghana Katolek asɔre no muni.[1]

Mmeaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.00 1.01 1.02 1.03 1.04 1.05 1.06 1.07 1.08 1.09 1.10 Ghana MPS - Ghana's comprehensive official repository of MPs information (in American English), retrieved 2023-10-03
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 Ghana HomePage, resource for News, Sports, Facts, Opinions, Business and Entertainment, retrieved 2023-10-03
  4. Twenty-nine Ministers sworn into office (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-10-03 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  5. Government names new Cabinet (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-10-03 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  6. MyJoyOnline.com - Myjoyonline (Ghana News) Ghana's most comprehensive website. Independent, Fearless and Credible journalism (in American English), retrieved 2023-10-03
  7. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-03
  8. "Has Genomics Failed to Deliver?", The SAGE Handbook of Healthcare, 1 Oliver's Yard, 55 City Road, London EC1Y 1SP United Kingdom: SAGE Publications Ltd, pp. 359–379, 2008, retrieved 2023-10-03 {{citation}}: no-break space character in |place= at position 17 (help)CS1 maint: location (link)
  9. "Concerns raised over South Africa's AIDS policy", PharmacoEconomics & Outcomes News, vol. 352, no. 1, pp. 11–11, 2002-03, doi:10.1007/bf03278772, ISSN 1173-5503, retrieved 2023-10-03 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  10. Abdul Ganiyu Iddrisu (2022-06-03), "Assessing the inefficiencies in the execution of GETFund construction Projects in the Upper West Region, Ghana", International Journal of Multidisciplinary Research and Analysis, vol. 05, no. 06, doi:10.47191/ijmra/v5-i6-08, ISSN 2643-9840, retrieved 2023-10-03
  11. Ghana HomePage, resource for News, Sports, Facts, Opinions, Business and Entertainment, retrieved 2023-10-03