Dansoh Samuel Kwaku

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Dansoh Samuel Kwaku About this soundpronounciation of "Dansoh Samuel Kwaku" Ghana amanyɔni.Ɔsom sɛ ekuoba wɔ mmarabedwanii wɔ mmarahyɛbedwakuo a ɛdi kan wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana ma Atiwa mpɛsoa a ɛwɔ apueɛ mantam wɔ Ghana firi ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson afe apem ahankron aduokron mmiɛnsa de kɔsi ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson afe apem ahankron aduokron nson mu.[1]

Amanyɔsɛm.[sesa]

Yɛtoo Dansoh Samuel Kwaku so aba wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu Ghana mmarahyɛbedwa abatoɔ a na ɔgyina hɔ ma"National Convention party" amanyɔkuo no sɛ mmarahyɛbedwanii ma mmarahyɛbedwakuo a edikan wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana.[2] Berɛ wɔrebɛto afe apem ahankron aduokron nsia Ghana abatoɔ no, ɔdii ntwo maa Yaw Baning-Darko faa akonnwa no. Yɛtoo ne so aba ma no tenaa akonnwa no so wɔ ɔsono amanyɔkuo"New patroitic party" din mu ma Atiwa mpɛsoa a ɛwɔ apueɛ mantam wɔ Ghanaɔpɛnimaa bosome wɔ afe apem ahankron aduokron nsia Ghana abatoɔ mu. Ɔnyaa mma mpem du nkron, ahanson ne aduasa num wɔ mpem aduasa baako, ahanson ne aduasa baako mma dodoɔ a wɔtoo no mu a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu aduonum akyirepɔn aduonum a ɛboro n'asɔretiafoɔ Ben Ɔhene-Kwapong a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo"Convention people's party" deɛ no so,ɔnyaa mma mpem du, ahanan ne aduowɔtwe a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu aduonu nsia akyirepɔn aduowɔtwe ɛna Emmanuel Dakwa Adae a ɔwɔ "People's National Convention" amankuo a ɔnyaa mma apem, ahanum ne du nsia mma a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu mmiɛnsa akyirepɔn aduokron. Yaw Brempong Yeboah dii ne so nkunim wɔ ne mmarahyɛbedwa amanyɔkuo abatoɔ a ɛdi kan.[3]

N'abrabɔ.[sesa]

Ɔyɛ okristoni.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "Ghana MPs - List of 2013 - 2017 (6th Parliament) MPs". www.ghanamps.com. Retrieved 2021-02-18.
  2. FM, Peace. "Ghana Election 1992 Results - Atiwa West Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2021-02-18
  3. "1996 election". 1996